Nnwom 142 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔboa ho adesrɛDawid nnwenho dwom. Mpae a ɔwɔ ɔbodan mu no, ɔbɔe

1 1 Sa 24.3 Mede me nne misu mefrɛ AWURADE,

mede me nne mekotɔ mesrɛ AWURADE,

2mihwie me nkɔmmɔdi migu n’anim,

meka m’ahohia mekyerɛ no.

3 Nnw 138.7 Me honhom tɔ beraw me mu a,

wo na wunim me kwan.

Ɔkwan a menam so no so na wosum me afiri.

4Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho,

guankɔbea abɔ me, obi nhwɛ me kra kyea.

5 Nnw 27.13 Misu mefrɛ wo, AWURADE.

Mise: Wone me guankɔbea,

me kyɛfa, ateasefo asase so.

6 Nnw 7.1 Wɛn w’aso tie me su, na magurow,

yi me fi m’ataafo nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛn me.

7Yi me kra fi afiase, na mayi wo din ayɛ.

Treneefo betwa me ho ahyia

sɛ wo ne me adi no yiye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help