Yeremia 21 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Sedekia asɛmmisa ho mmuae

1 Yer 29.25 Asɛm a efi AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn, bere a ɔhene Sedekia somaa Malkiya ba Pashur ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania baa ne nkyɛn sɛ:

2Bisa AWURADE hɔ ade ma yɛn, efisɛ Babel hene Nebukadnesar ne yɛn rebedi ako, ebia AWURADE ne yɛn bedi sɛ n’anwonwade no nyinaa te no, na wafi yɛn so akɔ.

3Ɛnna Yeremia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monka nkyerɛ Sedekia sɛ:

4Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, meredan mo nsam akode a mode ne Babel hene ne Kaldeafo a wɔabetua mo ɔfasu akyi reko no, na maboa ano maba kurow yi mfinimfini.

5Na me ara mede nsa a ateɛ ne basa a ɛyɛ den ne abufuw ne abohuru ne anibere kɛse ne mo bɛko,

6na mabɔ kurow yi mufo, nnipa ne mmoa. Owuyare kɛse ano na wobewuwu.

7Na ɛno akyi no, AWURADE asɛm ni, meyi Yuda hene Sedekia ne ne nkoa ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kurow yi mu a wɔafi owuyare ne afoa ne ɔkɔm mu no mahyɛ Babel hene Nebukadnesar nsa, ne wɔn atamfo nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wakunkum wɔn afoa ano, ɔrenkora wɔn so na ɔrenhu mma wɔn na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.

8 Deut 11.26 Na ɔman yi nso, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede nkwa kwan ne owu kwan meregu mo anim,

9Yer 38.2 nea ɔtena kurow yi mu no bewu afoa ne ɔkɔm ne owuyare ano, na nea ofi adi na ɔkɔbɔ Kaldeafo a wobetua mo no so no, obenya nkwa, na ne kra adan no asade.

10Na mede m’ani makari kurow yi, sɛ bɔne na ɛmmra no so, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm ni, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahyew no.

11Na ka kyerɛ Yuda hene fi sɛ: Muntie AWURADE asɛm.

12 Yer 22.3; 7.20 Dawid fi, sɛ AWURADE se ni:

Munni asɛntrenee anɔpa,

na munyi nea wɔafow no mfi omimfo nsam,

na m’abufuhyew amfi sɛ ogya ammɛhyew

a obi rennum,

mo nsɛnnii bɔne no nti.

13Hwɛ, me ne mo a mote obon mu,

asasetaw so botan so no anya,

AWURADE asɛm ni,

mo a moka sɛ:

Hena na obesian aba yɛn so

anaa hena na ɔbɛba yɛn tenabea no?

14Na mɛba mabetua mo ka sɛ mo nsɛnnii aba te no,

AWURADE asɛm ni,

na mɛsɔ ogya, ne kwae mu,

na ahyew nneɛma nyinaa ahyia ho.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help