Yeremia 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asɛmmisa ne nkɔmmɔdi

1 Hiob 21.7; Nnw 73.3 AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a,

wobedi bem ara;

nanso me ne wo bɛkasa ara:

Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye

na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn?

2Wotɛw wɔn, na wogye ntini;

wonyinnyin na wɔsosow aba nso;

wobɛn wɔn ano,

na wo ne wɔn asaabo ntam pan.

3Nanso wo, AWURADE, wunim me;

wuhu me, na wosɔ me koma hwɛ, sɛ ɛte wo fam!

Tutu wɔn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn,

na hyira wɔn so sie okum da.

4 Yer 9.10 Enkosi da bɛn na asase no nni nkɔmmɔ,

na afum ahaban ntwintam?

Ɛsofo bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa,

efisɛ wɔka sɛ: Ɔrenhu yɛn awiei.

AWURADE ma Yeremia mmuae

5Sɛ wo ne anammɔnmufo po tu mmirika na wɔma wobrɛ a,

ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi ammirikakane?

Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so po, wohwe ase a,

ɛnne wobɛyɛ dɛn Yordan kwae no mu?

6Na wo nuanom nso ne w’agya fi, wɔn po twa wo nkontompo,

wɔn nso teɛm dennen di w’akyi;

sɛ wɔka adɔkɔdɔkɔsɛm kyerɛ wo a,

nnye wɔn nni.

7Magyaw me fi,

matow m’agyapade magu;

mede me kra adɔde mahyɛ n’atamfo nsa.

8M’agyapade adan me

sɛ kwae mu gyata;

wama ne nne so ahyɛ me,

enti mikyi no.

9So m’agyapade adan me ɔkɔre a ɔdɛnsow?

So akɔre atwa ne ho ahyia?

Monkɔ nkɔboaboa wuram mmoadoma nyinaa ano

mmra, na wommedidi.

10Mmoahwɛfo pii asɛe me bobeturo

atiatia me kyɛfa so,

wɔadan me kyɛfa fɛfɛ no

ayɛ no sare pradada;

11wɔasɛe no pasaa,

ayɛ dwerɛbee na esu frɛ me;

wɔasɛe asase no nyinaa,

nso obi nni hɔ a ɔde sie ne koma mu.

12Asɛefo aba

sare so mpampa nyinaa so,

na AWURADE afoa retwitwa afi asase ano

akosi asase ano;

asomdwoe bi nni hɔ mma ɔhonam biara.

13 Deut 28.38; Hos 8.7 Woguu awi, na wotwaa nsɔe;

wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee.

Na mo ani bewuwu mo nnɔbae ho,

AWURADE abufuhyew no ano.

AWURADE bɛdom wɔn a wonu wɔn ho no

14Sɛɛ na AWURADE ka wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapade a mede memaa me man Israel sɛ wonni no, hwɛ, meretutu wɔn afi wɔn asase so, na metu Yuda fi mafi wɔn mu.

15Na matu wɔn no, akyi no, mɛsan mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa masan maba wɔn agyapade mu ne wɔn asase so mmiako mmiako.

16Yer 4.2; Deut 6.13 Na sɛ wobesua me man akwan yiye aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a, ɛnne wɔde wɔn besisi me man mu.

17Na sɛ wɔantie a, ɛnne metutu saa ɔman no magu, na metutu na maseɛ wɔn, AWURADE asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help