Numeri 19 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nantwibere kɔkɔɔ no ho afahyɛ

1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:

2Heb 9.13; Lew 22.20 Eyi ne mmara mu ahyɛde a AWURADE ahyɛ sɛ: Kasa kyerɛ Israelfo sɛ wɔmfa nantwibere kɔkɔɔ a odi mu a onni dɛm a kɔndua nkɔɔ no so pɛn mmrɛ wo;

3na momfa no mma ɔsɔfo Eleasar, na ɔmfa no mfi nkɔ nsra no akyi, na wonkum no n'anim.

4Lew 4.6, 17 Na ɔsɔfo Eleasar mfa ne nsatea nka ne mogya no bi, na ɔmpete ne mogya no bi ngu ahyiae ntamadan no anim fam mpɛn asɔn.

5Na wɔnhyew nantwibere no wɔ n'anim, ne ne nhoma ne nam, ne mogya, ne ne n'agyanan no nyinaa no wɔnhyew.

6Lew 14.6 Na ɔsɔfo no mfa kyeneduru ne adwerɛ ne kuntu mfuturu kɔkɔɔ ngu nantwibere a ɔrehyew no so.

7Lew 16.28 Na ɔsɔfo no nhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ɛno akyi ansa na ɔmmra nsra no mu; na ɔsɔfo no ho ntew kosi anwummere.

8Na nea ɔhyewee no nhoro ne ntade nsu mu, na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere.

9Na ɔbarima bi a ne ho tew nsesaw nantwibere no nso no mfa nkogu nsra no akyi baabi a ɛhɔ tew, na ɛnyɛ Israelfo asafo no ahodwira nsu nsie; ɛyɛ bɔne ho afɔre.

10Na nea ɔsesaw nantwibere no nso no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere. Na ɛnyɛ daa ahyɛde mma Israelfo ne ɔhɔho a ɔsoɛ wɔn mu.

11Nea ɔka onipa biara funu no, ne ho ntew nnansɔn;

12ɔno na ɔmfa eyi nnwira ne ho mfi ne bɔne mu da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, na ne ho atew; na sɛ wannwira ne ho da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no a, ne ho rentew.

13Lew 15.31 Obiara a ɔka owufo, onipa bi a wawu funu, na wannwira ne ho no agu AWURADE tenabea ho fi, na wontwa saa ɔkra no mfi Israel mu nkyene, efisɛ wɔampete ahodwira nsu a wampete angu no so nti, ne ho ntew, ne ho fi da so wɔ ne ho.

14Eyi ne mmara a ɛwɔ hɔ ma bere a obi awu wɔ ntamadan mu: Sɛ onipa wu ntamadan mu a, obiara a ɔba ntamadan no mu ne ade biara a ɛwɔ ntamadan no mu ho ntew nnansɔn;

15na ade biara a ano da hɔ na enni mmuaso a wɔde abua so no, ɛho ntew.

16Na obiara a ɔka nea watɔ nkrante ano anaa funu bi anaa onipa nnompe anaa ɔda bi wuram no, ne ho ntew nnansɔn.

17Na nea ne ho ntew no, wɔmfa bɔne ho afɔre a wɔahyew no nso no bi mma no, na wɔmfa mmasu ngu so ade bi mu;

18na ɔbarima bi a ne ho tew mfa adwerɛ mmɔ nsu no mu, na ɔmpete ngu ntamadan no ne emu nneɛma nyinaa ne akra a wɔwɔ hɔ no ne nea waka dompe anaa ɔtɔfo anaa funu anaa ɔda bi no so.

19Na nea ne ho tew no mpete ngu nea ne ho ntew no so, da a ɛto so abiɛsa ne da a ɛto so ason no, na onnwira ne ho da a ɛto so ason no, na ɔnhoro ne ntade, na ɔmfa nsu nguare, na ne ho atew anwummere.

20Na onipa a ne ho ntew na wannwira ne ho no, wobetwa saa ɔkra no afi ɔman asafo no mu, efisɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsu no angu no so, enti ne ho ntew.

21Na eyi nyɛ wɔn daa ahyɛde. Na nea ɔpetee ahodwira nsu no nhoro ne ntade; na nea ɔka ahodwira nsu no ho ntew kosi anwummere;

22na ade biara a nea ne ho ntew no ka no ho ntew, na obiara a ɔka no no ho ntew kosi anwummere.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help