Nnwom 84 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn fi ho anigyeWɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no Gatfo nne so. Kora mma dwom

1

5Nhyira ne onipa a n’ahoɔden wɔ wo mu,

na w’atempɔn wɔ ne komam.

6Wotwam nusu bon no mu a,

wɔdannan no nea mmasu wɔ,

adonsu nso de nhyira pii kata so.

7Wɔnantew fi ahoɔden mu kɔ ahoɔden mu

bepue Onyankopɔn anim, Sion.

8AWURADE, asafo Nyankopɔn, tie me mpaebɔ,

yɛ aso, Yakob Nyankopɔn! Sela

9 Nnw 72.15 Yɛn kyɛm, Onyankopɔn, hwɛ,

na hwɛ nea woasra no no anim.

10 Nnw 27.4 Na wo fi dakorodi ye sen nna apem.

Mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tena mmom

sɛn sɛ mɛtena abɔnefo ntamadan mu.

11 Nnw 3.3; 34.10 Na owia ne kyɛm ne AWURADE Nyankopɔn.

AWURADE ma ɔdom ne anuonyam,

ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.

12Asafo AWURADE, nhyira ne onipa

a ɔde ne ho to wo so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help