1 2 Ah 18.1-3 Hesekia bedii hene no, na wadi mfe aduonu anum, na odii hene mfirihyia aduonu akron Yerusalem. Na ne na din de Abigya, Sakaria ba.
2Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid yɛe no ara.
3Ɔno de, n’ahenni afe a edi kan no mu, ɔsram a edi kan no so na ohiɛhiɛɛ AWURADE fi apon no, na omiamiaa mu.
4Na ɔde asɔfo ne Lewifo no baa mu, na ɔboaboaa wɔn ano apuei mprae no so,
5na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifo, muntie me, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fi kronkron, na munyiyi fi no mfi kronkronbea hɔ.
6Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wogyaw no, na woyii wɔn ani fii AWURADE tenabea ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.
72 Be 28.24 Nso wɔtotoo ntwironoa no apon mu, na wodunnum akanea no, na wɔanhyew aduhuam, na ɔhyew afɔre nso wɔammɔ kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no.
8Enti na AWURADE abufuw baa Yuda ne Yerusalem so, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyerawde ne ahodwiriwde ne hwiremabɔ, sɛnea mo ara mode mo aniwa hu yi.
92 Be 28.5-8 Na hwɛ, yɛn agyanom atotɔ afoa ano, na yɛn mmammarima ne yɛn mmabea ne yɛn yerenom no, eyi nti wɔafa wɔn nnommum kɔ.
10Afei ɛwɔ me koma mu, sɛ me ne AWURADE, Israel Nyankopɔn no, bɛpam, na n’abufuhyew no afi yɛn ho akɔ.
11Me mma, afei monnyɛ anihaw, na mo na AWURADE apaw mo sɛ munnyina n’anim nsom no, na monyɛ no asomfo ne aduhuamhyewfo.
12Ɛnna Lewifo no sɔree: Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wofi Kohatfo mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfo no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden;
13ne Elisafan mma mu: Simri ne Yeiel; ne Asaf mma mu: Sakaria ne Matania;
14ne Heman mma mu: Yehiel ne Simei; ne Yedutun mma mu: Semaia ne Usiel.
15Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbae sɛnea ɔhene hyɛe AWURADE nsɛm so no, sɛ wɔrebɛpopa AWURADE fi no mu.
16Na asɔfo no hyɛn AWURADE fi no mu sɛ wɔrekɔpopa mu, na woyiyii fi a wohui AWURADE asɔredan no mu no nyinaa de baa AWURADE fi abangua no so, na Lewifo no sesaw fii hɔ, na wɔkɔtow guu Kidron subon no mu.
17Na ɔsram a edi kan no da a edi kan no na wofii kronkronyɛ ase, na ɔsram no da a ɛto so awotwe no, woduu AWURADE ntwironoa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fi no kronkron nnawɔtwe; na ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunsia no, wowiei.
18Ɛnna wɔhyɛn mu baa ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkae sɛ: Yɛapopa AWURADE fi hɔ nyinaa, ne ɔhyew afɔremuka no ne ɛho ade nyinaa, ne nsiesiei pon no ne ɛho nneɛma nyinaa ho;
19na nneɛma a ɔhene Ahas di hene no, ɔtow gui, ne mmarato mu no nyinaa nso, yɛasiesie na yɛadwira ho, na hwɛ, ɛwowɔ AWURADE afɔremuka no anim.
20Ɛnna ɔhene Hesekia tuaa ahema boaboaa kurow no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fi.
21Na wɔde anantwinini ason ne adwennini ason ne nguammaa ason ne mpapo ason kɔbɔɔ bɔne ho afɔre maa ahenni no ne kronkronbea no ne Yuda; na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfo no, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre AWURADE afɔremuka no so.
22Na wokunkum anantwi no, na asɔfo no sɔw mogya no, na wɔde petee afɔremuka no so, na wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so, na wokunkum nguammaa no de wɔn mogya petee afɔremuka no so.
23Na wɔde bɔne ho afɔre mpapo no baa ɔhene ne bagua no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so.
24Na asɔfo no kunkum wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔre guu afɔremuka no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa, na ɔhene no kae se ɔhyew afɔre ne bɔne ho afɔre no yɛ wɔn dea.
25 1 Be 25.1 Na ɔde Lewifo no gyinagyinaa AWURADE fi, wokurakura nnawuru ne mmɛnta asanku ne asankuten sɛ Dawid ne ɔhene no dehwɛfo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no; efisɛ AWURADE nam n’adiyifo so na ɔhyɛe.
26Na Lewifo no de Dawid asanku no gyinagyina hɔ, na asɔfo no nso de ntorobɛnto.
27Na Hesekia kae sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre afɔremuka no so. Na ɛbere a wofii ɔhyew afɔre bɔ no ase no, AWURADE dwom ne ntorobɛntohyɛn nso fii ase Israel hene Dawid asanku no so.
28Na bagua no nyinaa kotokotowee, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛn ntorobɛnto ara de kosii sɛ wowiee ɔhyew afɔre no bɔ.
29Na wowiee ɔhyew afɔre no bɔ no, ɔhene ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotokotow sɔree.
302 Be 23.18 Na ɔhene Hesekia ne mmapɔmma no ka kyerɛɛ Lewifo no sɛ wɔmfa Dawid ne ɔdehwɛfo Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigye yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.
31Na Hesekia buae sɛ: Afei moahyehyɛ mo nsa amaama ama AWURADE, muntwiw mmɛn, na momfa okum afɔre ne aseda afɔre mmra AWURADE fi. Na bagua no de okum afɔre ne aseda afɔre bae, na obiara a ɔwɔ ayamye koma no de ɔhyew afɔre bae.
32Na ɔhyew afɔre a bagua no de bae no ano si anantwi aduɔsɔn, adwennini ɔha, nguammaa ahannu. Eyi nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyew afɔre.
33Na akronkronne no yɛ anantwi ahansia ne nguan mpensa.
342 Be 30.3, 16-17 Nanso na asɔfo no nnɔɔso nti, wɔn nko antumi angua ɔhyew afɔre no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ wowiee adwuma no ansa na asɔfo no yɛɛ wɔn ho kronkron. Efisɛ Lewifo no koma teɛ sen asɔfo no, wɔn ho kronkronyɛ no mu.
35Lew 3.3, 16-17; Num 15.5, 7, 10 Nanso ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade ne ahwiesa a ɛka ɔhyew afɔre no ho dɔɔso bebree. Ɛnna wosiesiee AWURADE fi som no.
36Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyei sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, efisɛ ɔhareso na wɔyɛɛ ade yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.