1 Mmb 19.17 Tow w’abodoo gu nsu ani,
na daakye bi wubehu.
2Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo,
na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.
3Sɛ osu yɛ amununkum ma a,
ɛtɔ gu asase so;
na sɛ dua kɔhwe anafo fam anaa atifi fam a,
faako a dua no hwee no, ɛhɔ na ɛbɛda.
4Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba,
na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa.
5 Yoh 3.8; Ɔsɛ 8.17 Sɛnea wunnim mframa kwan ne sɛ nnompe nyin onyinsɛnfo yam no, saa ara na wunnim Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛe.
6Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.
7Hann nso yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ehu owia.
8Na sɛ onipa di mfe pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, nanso ɔnkae sum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; nea ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhude.
Mmerantebere mu anigye9 Ɔsɛ 8.15 Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu.
10Na yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
