Numeri 23 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Balak nkɔmhyɛ a edi kan

1Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini ason ne adwennini ason fa brɛ me ha.

2Na Balak yɛe sɛnea Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini biako ne odwennini biako bobɔɔ ɔhyew afɔre, afɔremuka biara so.

3Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kogyina wo hyew afɔre no ho, na menkɔ: ebia AWURADE behyia me, na ade ko a ɔbɛma mahu no, mɛka makyerɛ wo. Na osiim kɔɔ koko pataa bi so.

4Na Onyankopɔn behyiaa Bileam, na Bileam ka kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔremuka asɔn, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so.

5Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anom sɛ: San kɔ Balak nkyɛn, na sɛnea kasa ne no.

6Na ɔsan kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, ogyina ne hyew afɔre no ho, ɔno ne Moab atitiriw nyinaa.

7Na ɔkasae sɛ:

Aram na Balak kɔfaa me fii,

Moab hene no faa me fii apuei mmepɔw mu sɛ

Bra bɛdome Yakob ma me,

na bɛbɔ Israel dua.

8Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome nea Onyankopɔn nnomee no no,

na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ nea AWURADE mmɔɔ no dua no dua?

9Abotan atifi na mifi mihu no,

na nkoko so na mifi migyen no:

Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena ni,

na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.

10 Gye 13.16; 31.8 Hena na ɔbɛkan Yakob mfutuma

ne Israel abupɛn anan mu biako dodow?

Ma menwu teefo wu,

na m'awiei nyɛ sɛ wɔn de.

11Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Woyɛ me dɛn ni? M'atamfo nnome nti na mekɔfaa wo bae, na hwɛ, nhyira na wuhyira wɔn.

12Num 22.38 Na obuae sɛ: So ɛnyɛ nea AWURADE de hyɛ m'anom no na ɛsɛ sɛ mehwɛ meka?

Bileam nkɔmhyɛ a ɛto so abien

13Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnne bra na yɛnkɔ baabi foforo ɛ, faako a wubehu wɔn; wɔn ano nko na wubehu, na worenhu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.

14Na ɔde no kɔɔ Sofim sare so, Pisga bepɔw atifi, na osii afɔremuka asɔn, na ɔde nantwinini ne odwennini bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so.

15Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w'afɔremuka no ho ara, na me de, merekɔ makɔhwɛ.

16Na AWURADE behyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n'anom sɛ: San kɔ Balak nkyɛn, na sɛɛ na kasa.

17Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, ogyina ne hyew afɔre no ho, na Moab atitiriw no ne no gyinagyina hɔ; na Balak bisaa no sɛ: Dɛn na AWURADE kae?

18Na ɔkasaa mmebu mu sɛ:

Sɔre, Balak, na tie;

yɛ aso ma me, Sipor ba.

19 1 Sa 15.29 Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro,

anaa onipa ba, na wanu ne ho.

So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ,

anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?

20Hwɛ, nhyira na manya;

wahyira, na merentumi mennan ani.

21Wanhu amumɔyɛ Yakob mu,

na wanhu ɔhaw Israel mu.

AWURADE Nyankopɔn di n'akyi,

na ɔhene ho ahurusi wɔ no mu.

22Onyankopɔn ayi wɔn afi Misraim,

n'ahoɔden te sɛ ɛkoɔ de.

23Ampa ara, adebisa nni Yakob mu,

na nkɔmhyɛ nni Israel mu:

Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ:

Dɛn na Onyankopɔn ayeyi!

24 Deut 24.9 Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabere,

na ɔma ne ho so sɛ gyata:

ɔremmutuw gye sɛ wadi bɔnam,

na wanom atɔfo mogya ansa.

25Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa.

26Deut 23.12 Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ?

Nkɔmhyɛ a ɛto so abiɛsa

27Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforo, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.

28Deut 25.3 Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ sare pradada no so no.

29Deut 23.1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔremuka ason ma me wɔ ha, na fa anantwinini ason ne adwennini ason brɛ me ha.

30Na Balak yɛe sɛ Bileam kae no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka biara so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help