1Wo na mema m’ani so mehwɛ wo,
wo a wote soro no.
2Hwɛ, sɛnea nkoa
ani hwɛ wɔn wura nsa ano,
sɛ afenaa
ani hwɛ n’awuraa nsa ano no,
sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no,
kosi sɛ ɔbɛdom yɛn.
3Dom yɛn, AWURADE, bɛdom yɛn,
na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.
4Taamudifo fɛwdi ne ahantanfo aniwuhyɛ
afono yɛn kra dodo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
