Nnwom 65 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn nhyira ho aseda dwomWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1Onyankopɔn, wɔde abodam yi wo ayɛ wɔ Sion,

na wo na wɔde aboade ma wo.

2Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba.

3Amumɔyɛde boroo me so,

wo na woakata yɛn mmarato so.

4 Nnw 84 Nhyira ne nea wuyi no

na woma ɔbɛn wo sɛ ɔntena w’abangua so.

Wo fi nnepa bɛmee yɛn,

w’asɔrefi kronkron nnepa no.

5Wode asɛntrenee a eyi hu bua yɛn,

yɛn nkwagye Nyankopɔn,

wo na asase ano nyinaa ani da wo so,

ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri po so.

6Wode w’ahoɔden de mmepɔw tintim hɔ,

wode tumi amia.

7 Nnw 89.9 Woma ɛpo huuyɛ,

emu asorɔkye huuyɛ gyae,

na woma amanaman kitikitiyɛ ano dwo.

8Na wo nsɛnkyerɛnne nti wɔn a wɔte akyirikyiri noho suro,

woma wɔn a wɔte apuei ne atɔe noho tɔnn to ahosan dwom.

9 Nnw 46.4 Woabɛhwɛ asase agugu so nsu,

woama ɛso aduan abu so bebree.

Onyankopɔn asubɔnten no, nsu ayɛ mu ma,

womaa wɔn aburow gyinae,

woma esii so sɛ ɛsɛ.

10 Nnw 104.13-16 Wuguguu n’akofi so nsu de honoo mu apɔwapɔw,

wode osu yɛɛ no bɛtɛɛ, wuhyiraa ne fifi so.

11Woabɔ w’ayamye afirihyia abotiri,

na srade sosɔɔ w’akwan so.

12Ɛsosɔɔ sare so adidibea so,

na mpampa de abotɔyam ahyehyɛ wɔn ho.

13Nguankuw ahyɛ adidibea no ma,

aburow nso akata abon no mu,

wodi ahurusi bɔ ose,

anigye dwom nko ara na wɔto.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help