Deuteronomium 29 - KYER?W KRONKRON(RATB)

AWURADE apam

1 Deut 5.2 Eyi ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfo mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamee Horeb ho no mu nsɛm no ho.

2 Eks 19.4 Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo ara moahu nea AWURADE yɛɛ Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase nyinaa mo aniwa mu, wɔ Misraim asase so no nyinaa,

3sɔhwɛ akɛse a w’aniwa hui, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse no.

4Deut 5.29; Hos 6.9-10 Nanso ɛde besi nnɛ, AWURADE mmaa mo koma a enim ade ne aniwa a ehu ade ne aso a ɛte asɛm.

5Deut 8.2, 4 Na mama moanantew sare so mfirihyia aduanan, mo ntama nsuwii mo ho ɛ, na wo mpaboa ntetewee wo nan ase ɛ;

6moanni abodoo na moannom bobesa ne nsa biara, na moahu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.

7Num 21.21-35 Na muduu ha yi no, Hesbon hene Sihon ne Basan hene, Og fi behyiaa yɛn ne yɛn bɛkoe, na yekum wɔn;

8Deut 32 na yɛfaa wɔn asase de maa Rubenfo ne Gadfo ne Manasefo abusuakuw fa sɛ wonni so.

9Enti monhwɛ apam yi mu nsɛm yi nni so, na nea moyɛ nyinaa awie mo yiye.

10Ɛnnɛ mo nyinaa mugyina AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo atitiriw, mo mmusuakuw, mo mpanyimfo ne mo ahwɛfo, Israel mmarima nyinaa;

11mo mma, mo yerenom ne wo hɔho a ɔwɔ wo nsra mu, efi wo duatwafo so kosi wo nsusawfo so:

12Sɛ wobɛhyɛn AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nsew a AWURADE wo Nyankopɔn ne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu,

13sɛ nnɛ ɔde wo resi hɔ ayɛ ne man, na ɔno nso ayɛ wo Onyankopɔn, sɛnea ɔka kyerɛɛ wo, ne sɛnea ɔkaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam no.

14Deut 5.3 Na ɛnyɛ mo nko na me ne mo repam apam yi na meredi nsew yi,

15na mmom me ne wɔn a wɔne yɛn gyina AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha nnɛ yi ne wɔn a wɔne yɛn nni ha nnɛ yi.

16Na mo ara munim sɛnea yɛtenaa Misraim asase so, ne sɛnea yetwaa amanaman a mofaa wɔn mu bae no mu;

17na muhuu wɔn akyide ne wɔn nnua ne abo ne dwetɛ ne sika ahoni a ɛwɔ wɔn mu no;

18Heb 12.15 na monhwɛ yiye, na ɔbarima bi anaa ɔbea bi anaa abusua bi anaa abusuakuw bi antena mo mu a wɔn koma redan nnɛ afi AWURADE yɛn Nyankopɔn ho, sɛ worekɔ akɔsom amanaman no anyame no, na ntini bi antena mo mu a ɛsow bɔre ne awɔnwene;

19na sɛ ɔte nsew yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho ne koma mu anka sɛ: Menam me koma denyɛ mu de, nanso menya asomdwoe; na wɔansesaw nea wanom ne nea osukɔm de no ammom.

20Deut 28.15-68 AWURADE rempene mfa mfiri no, na ɛno de AWURADE abufuw ne ne ninkuntwe bepun onipa ko no, na nsew a wɔakyerɛw nhoma yi mu no nyinaa beduru no, na AWURADE bɛpopa ne din afi ɔsoro ase.

21Na AWURADE beyi no afi Israel mmusuakuw nyinaa mu ama bɔne, sɛ apam a wɔakyerɛw mmara nhoma yi mu no mu nsew no nyinaa te.

22Na sɛ awo ntoatoaso a ɛbɛba, mo mma a wɔbɛsɔre adi mo akyi, ne ɔnanani a ofi akyirikyiri asase so bɛba no hu asase yi haw ahorow ne nyarewa a AWURADE de aba so,

23Gye 19.24; Hos 11.8 sufre ne nkyene, ɔhyew a asase no nyinaa ahyew a wonnua so ade na ɛnsow, na wura biara mfifi so, sɛ Sodom ne Gomora, Adma ne Seboim butuw a AWURADE de n’abufuw ne n’abufuhyew butuwii no a, wɔbɛka ho asɛm,

24na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi sɛɛ yi? Abufuw kɛse hyewhyew yi yɛ dɛn?

25Na wɔbɛka sɛ: Efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn apam a oyii wɔn Misraim asase so no, ɔne wɔn pamee no,

26na wɔakɔ akɔsom anyame foforo na wɔasɔre wɔn, anyame a wonnim wɔn na ɛnyɛ ɔno na ɔde wɔn maa wɔn.

27Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ asase yi ma ɔde nnome a wɔakyerɛw nhoma yi mu nyinaa baa so;

28enti na AWURADE atutu wɔn afi wɔn asase so abufuw ne aboɔhyew ne abohuru kɛse mu na watow wɔn agu asase bi so sɛ ɛte nnɛ yi.

29 Deut 32.34; Nnw 147.19-20 Nneɛma a ahintaw yɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn dea, na nea wɔayi adi no yɛ yɛn ne yɛn mma dea kosi daa, sɛ yenni mmara yi mu nsɛm nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help