Eksodɔs 36 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔde ayɛyɛde no brɛ adwumfo no

1Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a wɔwɔ nyansa koma a Awurade de nyansa ne nhumu ahyɛ wɔn mu sɛ wonhu ade no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma, sɛnea Awurade ahyɛ no nyinaa.

2Na Mose frɛɛ Besalel ne Oholiab ne komam anyansafo a Awurade de nyansa ahyɛ wɔn koma mu nyinaa, wɔn a wɔn koma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa.

3Na wogyee soma afɔrebɔde a Israelfo de bae sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamye ayɛyɛde brɛɛ no daa anɔpa.

4Na adwumfo a wɔyɛ kronkronbea no ho adwuma nyinaa fi wɔn nnwuma a wɔreyɛ no ho bae

5bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman no ama nea wɔde ba adɔɔso sen nea ɛbɛso adwuma a Awurade hyɛe sɛ wɔnyɛ no.

6Na Mose hyɛ ma wɔpaee nsra no mu sɛ: Ɔbarima oo, ɔbea oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho soma afɔrebɔde bio.

7Ɛnna ɔman no de gyaee ba. Efisɛ nea wɔanya no dɔɔso ma adwuma no nyinaa sɛ wɔde bɛyɛ ama ebi aka.

Ntamadan no siesie

8 Eks 26.1-14 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no mu komam anyansafo nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi yɛɛ ntama du, kerubim a ɛyɛ ntamanwene mu adwinni na wɔde yɛe.

9Ntama biara tenten si basafa dunan, na ntama biara tɛtrɛtɛ si basafa abien; ntama no nyinaa nsusuwii yɛ biako.

10Na ɔde ntama no anum toatoaa so ma biako toaa biako so, na ɔde ntama no anum nso toatoaa so ma biako toaa biako so.

11Na ɔde bibiri bobɔɔ ntama biako mmuano so nhentia wɔ ano wɔ ntoae no so, saa ara nso na ɔyɛe, ntama a edi akyiri no mmuano so wɔ ntoae a ɛto so abien no so;

12nhentia aduonum na ɔbobɔe ntama biako ano, na nhentia aduonum nso na ɔbobɔe, ntama a ɛwɔ ntoae a ɛto so abien no so no ano; nhentia no dii mmɔanim.

13Na ɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na ɔde nkɔtɔkorɔ no toatoaa ntama no, na tenabea no yɛɛ biako.

14Na ɔyɛɛ mmirekyi nwi ntama de yɛɛ ntamadan wɔ tenabea no so; ntama dubiako na ɔyɛe.

15Ntama biako tenten si basafa dunum, na ntama biako tɛtrɛtɛ yɛ basafa abien; ntama dubiako no nsusuwii yɛ pɛ.

16Na ɔde ntama no anum toatoae yɛɛ no biako, na ɔde asia nso toatoae yɛɛ no biako.

17Na ɔbobɔɔ nhentia aduonum, ntama a edi akyiri no mmuano so, wɔ ntoae no so, na ɔbobɔɔ nhentia aduonum nso, ntoae a ɛto so abien no ntama no mmuano so.

18Na ɔyɛɛ kɔbere nkɔtɔkorɔ aduonum de toatoaa ntamadan no, na ayɛ biako.

19Na ɔde adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ ntamadan no nkataso, na ɔde sukraman nhoma yɛɛ ɛno so nkataso.

20 Eks 26.15-25 Na ɔde ɔkanto yɛɛ tenabea no ntaaboo a esisi hɔ.

21Taaboo biako tenten yɛ basafa anum, na taaboo biako tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn abien ne fa.

22Nan abien tuatua taaboo biako ase, na biribi suso nan biako ne biako no mu: saa na ɔyɛe tenabea ntaaboo no nyinaa ho.

23Na ɔyɛɛ tenabea ntaaboo no: ntaaboo aduonu di nifa fam a ɛkyerɛ nifa.

24Na ɔyɛɛ ntaaboo aduonu no ase dwetɛ nnyinaso aduanan; nnyinaso abien hyɛ ntaaboo no biara ase ma ne nan abien no.

25Na tenabea no nkyɛn biako a edi benkum fam no, ɔde ntaaboo aduonu kosisii hɔ,

26ne ne dwetɛ nnyinaso aduanan, taaboo biara ase nnyinaso abien.

27Na tenabea no akyi fam a ɛkyerɛ atɔe no, ɔde ntaaboo asia kosisii hɔ.

28Na ɔde ntaaboo abien kosisii tenabea no akyi ntwea no so,

29na ɛpam ho fi fam de rekɔ, nanso ɛyɛ mu kodu ne hin so, nea kaa a edi kan no tua hɔ. Saa na ɔyɛɛ n'abien nyinaa ntwea abien no so.

30Na ntaaboo awotwe ne ne dwetɛ nnyinaso dunsia na ɛwɔ hɔ, taaboo biara ase nnyinaso abien.

31 Eks 26.26-30 Na ɔde ɔkanto yɛɛ mmeamu, tenabea no nkyɛn biako ntaaboo no de anum,

32ne tenabea no nkyɛn biako no nso ntaaboo no mmeamu anum, ne tenabea no akyi, atɔe fam ntaaboo no de, mmeamu anum.

33Na ɔde mfinimfini mmeamu no beaa ntaaboo no mfinimfini de twaa mu fi ti koduu ti.

34Na ɔde sika duraduraa ntaaboo no ho, na ɔde sika yɛɛ ɛho nkaa no sɛ ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na ɔde sika duraduraa mmeamu no ho.

35 Eks 26.31-37 Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ mmɔhɔɔ; ɔyɛɛ no ntamanwene mu adwinni a kerubim wɔ mu.

36Na ɔyɛɛ ho ɔkanto adum anan, na ɔde sika duraduraa ho; ne nkoropɛe yɛ sika; na ɔde dwetɛ nnyinaso anan guu ase.

37Na ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne adidi ne asaawa fitaa a wɔafira nwenee nkyeremu de yɛɛ ntamadan no ano nkataano.

38Na ɔyɛɛ ɛho adum anum ne nkoropɛe, na ɔde sika duraduraa n'atifi ne ne mmeae ho, na ne nnyinaso anum yɛ kɔbere.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help