Daniel NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUWɔkyerɛw Daniel nhoma no wɔ bere a Israelfo rehu amane yiye wɔ ɔhene bi a onnim Nyame bere so, enti na ɔhyɛ Yudafo no so, taa wɔn, yɛ wɔn ayayade pii.Ɔkyerɛwfo no nam abasɛm ne anisoadehu mu hyɛɛ ne bere sofo no nkuran, hyɛɛ wɔn gyidi den sɛ: Onyankopɔn bɛsɛe saa ahenni no, na ama ne nkurɔfo afa Onyankopɔn tumi so adi nkonim.Nhoma no wɔ afa atitiriw abien. 1. Abasɛm a ɛfa Daniel ne ne mfɛfo atukɔfo a ɛnam wɔn gyidi ne ahobrɛase wɔ Onyankopɔn mu nti, wodii wɔn atamfo so bere a Babelfo ne Persiafo di tumi no.2. Anisoadehu ahorow a Daniel hui a eyi ne ho adi wɔ nsɛnkyerɛnne ahorow mu na ɛkyerɛ ahenni ahorow sɔre ne asehwe, na efii ase Babel, na etumi ma yehu nea onnim Nyame no asehwe ne Onyankopɔn mma nkonimdi.EMU NSƐMDaniel ne ne nnamfo 1.1—6.28Daniel anisoadehu 7.1—11.45Mmoa anan no 7.1-28Odwennini ne abirekyi no 8.1—9.27Ɔsoro abɔfo no 10.1—11.45Awiei bere no 12.1-13