2 Berɛsosɛm 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yehosafat ne Ahab tu sa(1 Ahene 22.1-28)

1 1 Ah 22 Na Yehosafat nyaa adedodow ne anuonyam bebree. Na ɔne Ahab bɔɔ nse.2 Be 17.5

2Na mfe bi akyi no, osian kɔɔ Ahab nkyɛn Samaria, na Ahab kunkum nguan ne anantwi bebree maa no ne nkurɔfo a wɔka ne ho no. Na ogyigyee no sɛ ɔmforo nkɔ Ramot-gilead.

3Na Israel hene Ahab ka kyerɛɛ Yuda hene Yehosafat sɛ: So wo ne me bɛkɔ Ramot-gilead anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mete sɛ wo, na me man te sɛ wo man, me ne wo bɛkɔ ɔsa no.

4 2 Ah 3.11 Na Yehosafat ka kyerɛɛ Israel hene no sɛ: Mesrɛ wo, kobisa AWURADE asɛm nnɛ.

5Ɛnna Israel hene no boaboaa adiyifo no ano hyiae, nnipa ahanan, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: So yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ minnyae? Na wose: Foro kɔ, na Onyankopɔn de bɛhyɛ ɔhene nsa.

6Na Yehosafat kae sɛ: So AWURADE diyifo bi nni ha bio na yenkobisa no hɔ ade?

7Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Ɔbarima biako da so wɔ hɔ a anka yɛbɛkɔ ne nkyɛn akobisa AWURADE hɔ ade, nanso metan no, efisɛ ɔnka me ho asɛm pa bi, na daa, bɔne na ɔka; ɔno ne Imla ba Mikaia. Na Yehosafat se: Mma ɔhene nnka sa.

8Ɛnna Israel hene no frɛɛ opiani bi, na ɔkae sɛ: Ma Imla ba Mikaia mmra ntɛm.

9Na Israel hene ne Yuda hene Yehosafat tete wɔn agua so hyehyɛ wɔn ntade, na wɔtete Samaria pon ano mprae so; na adiyifo no nyinaa rehyehyɛ nkɔm, wɔn anim.

10Na Kenaana ba, Sedekia yɛɛ dade mmɛn, na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Eyinom na wode bɛko Siriafo no de akosi sɛ wobewie wɔn.

11Na adiyifo no nyinaa hyehyɛɛ nkɔm saa sɛ: Foro kɔ Ramot-gilead na kodi nim; na AWURADE de bɛhyɛ ɔhene nsa.

12Na ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifo no nsɛm yɛ pɛ na eye ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu biako asɛm, na ka asɛmpa.

13Na Mikaia se: Sɛ AWURADE te ase yi, nea me Nyankopɔn bɛka no, ɛno na mɛka.

Mikaia hyɛ nkogu ho nkɔm

14Na ɔbaa ɔhene nkyɛn. Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mikaia, so yɛnkɔ Ramot-gilead nkɔko anaasɛ yennyae? Na ose: Monkɔ na munkodi nim, na wɔde bɛhyɛ mo nsa.

15Na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: Mpɛn ahe ara na menka wo ntam sɛ, nka me asɛm bi sɛ nokware nko, AWURADE din mu?

16Ɛnna ose: Mahu Israel nyinaa sɛ wɔapansam mmepɔw so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na AWURADE se: Eyinom nni wuranom? Ma wɔnsan nkokɔ wɔn afi asomdwoe mu.

17Ɛnna Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: So manka mankyerɛ wo sɛ ɔrenhyɛ me ho nkɔm pa bi, na mmom bɔne?

18Na Mikaia se: Enti muntie AWURADE asɛm. Mahu AWURADE sɛ ɔte n’agua so, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne nifa ne ne benkum.

19Na AWURADE se: Hena na ɔbɛdaadaa Israel hene Ahab, na waforo akɔtɔ Ramot-gilead? Na oyi kaa sɛɛ, na oyi nso kaa sɛɛ.

20Na honhom bi fi begyinaa AWURADE anim, na ɔkae sɛ: Me na mɛdaadaa no. Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Wode dɛn?

21Na ose: Mefi makɔyɛ atoro honhom n’adiyifo nyinaa anom. Na ɔkae sɛ: Wobɛdaadaa no, na wubetumi nso, fi kɔ na kɔyɛ sa.

22Na afei, hwɛ, AWURADE de atoro honhom ahyɛ w’adiyifo yi nyinaa anom, na AWURADE aka wo ho bɔne.

23 2 Be 18.10 Ɛnna Kenaana ba Sedekia twiw bɛnee bɛbɔɔ Mikaia sotɔre kae sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam fii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ wo yi?

24Na Mikaia se: Hwɛ, ɛda a wubefi pia mu akɔ pia mu akohintaw no na wubehu.

25Na Israel hene no kae sɛ: Momfa Mikaia nsan nkɔ kurow no safohene Amon ne ɔhene ba Yoas nkyɛn,

262 Be 16.10 na monka sɛ: Sɛ ɔhene se ni: Momfa oyi nkɔto nneduadan mu, na momma no ahohia aduan nni ne ahohia nsu nnom nkosi sɛ mɛba no dwoodwoo.

27Na Mikaia se: Ɔsan de, wosan ba dwoodwoo a, ɛnne ɛnyɛ AWURADE na ɔnam me so kasae. Na ose: Mo aman nyinaa, muntie!

Ahab wu(1 Ahene 22.29-35)

28Na Israel hene no ne Yuda hene Yehosafat foro kɔɔ Ramot-gilead.

29Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakra me ho na makɔ dɔm no mu, na wo de, hyɛ wo ntade. Na Israel hene no sakraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.

30Nso na Siria hene no ahyɛ ne nteaseɛnam a ɔwɔ no so asafohene sɛ: Mo ne akumaa anaa ɔkɛse nnko sɛ gye Israel hene no nko.

31Na nteaseɛnam so asafohene no huu Yehosafat no, wɔkae sɛ: Israel hene no ni! Na wɔmanee ne no kɔkoe. Na Yehosafat teɛɛm; na AWURADE boaa no, na Onyankopɔn dan wɔn fii ne ho.

32Na nteaseɛnam so asafohene no hui sɛ ɛnyɛ Israel hene no ne no no, wɔsan fii n’akyi.

33Na ɔbarima bi twee ne ta mu, n’anibiannaso so, na ɔde wuraa Israel hene no mmɔtoam nkatabo no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ: Dan wo nsa na fa me fi dɔm yi mu, na mapira.

34Na ɔko no mu yɛɛ den da no, na Israel hene no kura mu gyina ne teaseɛnam no mu Siriafo no anim ara kosii anwummere. Na owia kɔtɔe no, owui.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help