1Na wo de, twa Israel abirempɔn ho kwadwom
2na ka sɛ:
Ɛdɛn na wo na, gyatabere no butuw
agyatanini ntam yɛn ne mma
gyataforo mu?
3Na ɔyɛn ne mma mu biako;
ɔyɛɛ gyataforo
na osuaa ahayɔ;
odii nnipa nam.
4 2 Ah 23.30-34 Na amanaman tee ne nka,
na wɔkyeree no wɔn amoa mu,
na wɔde hwene mu kaa twee no
kɔɔ Misraim asase so.
5Na ne na huu sɛ watwɛn
nanso n’anidaso ayera no,
ɔfaa ne mma mu bi
de no yɛɛ gyataforo;
6 2 Ah 24.8-9 na ɔnenam agyata mu no,
ɔyɛɛ gyataforo,
na osuaa ahayɔ;
odii nnipa nam.
7Na ohuu wɔn akunafo,
na ɔbobɔɔ wɔn nkurow,
na ne mmobom gyegyeegye nti
asase no ne ne mayɛ sɛee.
8Ɛnna amanaman
a wofi nsaase so no bae
betwaa ne ho hyiae,
na wɔde wɔn asawu trɛw no so,
wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu,
9 2 Ah 24.15 na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ kyerɛnkyɛ mu,
na wɔde no kɔmaa Babel hene,
na wɔde no siee abankɛse mu,
nea ɛbɛyɛ na wɔante ne nne bio,
Israel mmepɔw so.
10 Hes 17.6 Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe
a wɔatɛw no nsuso,
nsu pii nti,
n’aba ne n’abaa bae yiye.
11Na onyaa nhama a ɛyɛ den
na ɛyɛɛ ahene mpoma,
na ne kɛseyɛ korɔn
koduu amununkum kusuu ntam,
na wohu no ne korɔn mu,
n’abaa dodow mu.
12 Hes 15.4 Na wotuu no anibere so
tow no hwee fam,
na apuei mframa kisaa n’aba no;
ne nhama a ɛyɛ den no bubui
na etwintwamee,
na ogya hyewee.
13Na afei wɔatɛw no sare so,
asase kesee a edi sukɔm so;
14na ogya refi n’abaa hama bi mu
ahyew n’aba, na hama
a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahenni poma bi
nni hɔ bio.
Kwadwom ni, na ɛbɛyɛ adwuma sɛ kwadwom.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
