Hagai NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUOdiyifo Hagai nhoma no yɛ nkra nsɛm ntiantia bi a efi Onyankopɔn nkyɛn nam Odiyifo no so bae wɔ mfe ahanum aduonu ansa na wɔwo Kristo no mu. Na nkurɔfo no afi otukɔ mu aba, a wɔatena Yerusalem mfe bi, nanso na Awurade fi no da so yɛ amanfo. Asɛm no hyɛɛ adikanfo no nkuran sɛ wonsi Awurade fi no bio na Awurade ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛma asomdwoe ne yiyedi aba ne nkurɔfo a wɔatew wɔn ho na wɔayɛ foforo no so.EMU NSƐMƆhyɛ sɛ wonsi AWURADE fi no foforo 1.1-15Ahotɔ ne Gyidi nsɛm 2.1-23