Yeremia 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔyow bere a ɛyɛ hu no

1AWURADE asɛm a ɛbaa Yeremia nkyɛn osu a antɔ ho ni.

2Yuda di nkɔmmɔ,

na ne nkurow apon agurogurow,

wɔde awerɛhow si wɔn ti ase twann,

na Yerusalem nteɛm foro kɔ soro.

3Na wɔn mu atitiriw soma nkumaa no nsusaw;

wɔba nsubon ano,

wonnya nsu;

wɔde wɔn nhina hunu san ba,

wɔn ani awuwu, wɔn anim agu ase,

wɔkatakata wɔn ti.

4 Yoel 1.11 Osu a ɛntɔ asase no so nti

na fam awo kesee no,

akuafo ani awuwu,

wɔakatakata wɔn ti.

5Na mfuwa so forotebere nso, ɔwo a, ogyaw ne mma,

efisɛ wura bi nni hɔ.

6Na sare so mfurum gyinagyina mpampa so,

wɔsom mframa sɛ sakraman,

wɔn aniwa ayɛ siamoo,

efisɛ ahaban bi nni hɔ.

7 Dan 9.4-14 Sɛ yɛn amumɔyɛ kasa tia yɛn mpo a,

AWURADE, wo din nti yɛ ɛho biara;

na yɛn nsanakyiri adɔɔso,

wo na yɛayɛ wo bɔne.

8Wo a Israel hwɛ wo kwan,

wo a wugye wɔn ohia bere mu,

ɛdɛn nti na woyɛ sɛ asase yi so hɔho,

sɛ ɔkwantenni a ɔsoɛ anadwo?

9 Yer 15.16; Yes 43.7 Ɛdɛn nti na woyɛ sɛ ɔbarima a wayɛ basaa,

sɛ dɔmmarima a ontumi nnye nkwa?

Nso wo ara na wowɔ yɛn mfinimfini,

AWURADE, na wɔde wo din ato yɛn; nnyaw yɛn hɔ.

10Sɛ AWURADE ka kyerɛ ɔman yi ni:

Saa ara na wɔpɛ sɛ wɔwɔ ntwɛtwɛdɛ,

wɔansiw wɔn anan kwan;

enti AWURADE nso ani nsɔ wɔn;

afei na ɔbɛkae wɔn amumɔyɛ

na watua wɔn bɔne so ka.

11 Yer 7.16; 11.14 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mmɔ mpae nsrɛ papa mma ɔman yi.

12Yer 6.20; Yes 58.3 Ɛwom sɛ wodi mmuada de, nso merentie wɔn nkotɔsrɛ; na sɛ wɔbɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre a, m’ani rensɔ wɔn, na afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛdwerɛw wɔn koraa.

13Na mise: Aa AWURADE, hwɛ, adiyifo no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhu afoa, na ɔkɔm remma mo so, na nokware asomdwoe na mede mɛma mo ɛha yi.

14Yer 23.21; 27.14-15; 28.8-9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Atoro na adiyifo no de hyɛ me din ho nkɔm; mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn na menkasa menkyerɛɛ wɔn ɛ; atoro anisoadehu ne nkɔmhyɛ ne asɛnhunu ne wɔn koma mu nnaadaa na wɔka kyerɛ mo yi.

15Deut 18.20 Ɛno nti sɛ AWURADE ka adiyifo a wɔde me din hyɛ nkɔm nanso ɛnyɛ me na mesomaa wɔn, na wɔn de, wɔka sɛ: Afoa ne ɔkɔm remma asase yi so, no ho ni: Afoa ne ɔkɔm ara na ɛbɛdwerɛw adiyifo no.

16Yer 8.2 Na ɔman a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɔkɔm ne afoa no nti wobegugu Yerusalem mmorɔn so, na obi bi nni hɔ a obesie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmabea nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.

17 Yer 9.1 Enti ka nsɛm yi kyerɛ wɔn sɛ:

M’aniwa poroporow nusu anadwo ne awia,

na ennyae,

efisɛ wɔde ɔbobɔ kɛse abobɔ me man babea ababaa,

wɔapira no ma ayɛ yaw sɛ.

18Sɛ mifi mekɔ wuram a,

hwɛ mihu, afoa ano atɔfo;

na sɛ meba kurow mu a,

hwɛ, ɔkɔm ano atɔfo ni;

na odiyifo ne ɔsɔfo nyinaa kyinkyini asase no so,

nso wonnim nea wɔrekɔ.

Odiyifo no dima

19 Yer 8.15 So ɔtow na woatow Yuda akyene,

anaasɛ Sion ho ayɛ wo kra nwini?

Ɛdɛn nti na woabɔ yɛn na yenni ɔyaresafo yi?

Yɛhwɛ asomdwoe kwan, nso papa bi nni hɔ;

yɛhwɛ ayaresa bere kwan nso,

na hwɛ, abotutu na ɛwɔ hɔ.

20 Yer 14.7 O AWURADE, yɛahu yɛn abususɛm,

ne yɛn agyanom amumɔyɛ,

na yɛayɛ wo bɔne.

21Wo din nti mpa yɛn;

nhura w’anuonyam agua no ho;

kae, mmubu w’apam

a ɛda yɛne wo ntam no.

22So amanaman ahuhude no mu bi wɔ hɔ a wɔma osu tɔ?

Anaasɛ ɔsoro betumi ama obosu apete?

So ɛnyɛ wo, AWURADE, yɛn Nyankopɔn?

Wo na yɛhwɛ wo kwan ara,

efisɛ wo ara na woayɛ eyinom nyinaa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help