Yeremia 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Yeremia wɔ ɔnwemfo fi

1Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn ni:

2Sɔre sian kɔ ɔnwemfo fi, na mɛma woate me nsɛm hɔ.

3Ɛnna misian mekɔɔ ɔnwemfo fi, na hwɛ, ɔreyɛ n’abo so adwuma.

4Na ade a ɔreyɛ, sɛ ɔnwemfo nsam dɔte no, sɛee. Na ɔsan de yɛɛ ade foforo, sɛnea ɛteɛ ɔnwemfo no ani so.

5Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

6Yes 45.9; Rom 9.21 So merentumi nyɛ mo, Israel fi, sɛ ɔnwemfo yi? AWURADE asɛm ni. Hwɛ, sɛ dɔte te ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo, Israel fi, nso mote me nsam.

7Yer 1.10 Mpofirim na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ metu na madwerɛw na masɛe no.

8Yer 26.3, 19; Yona 3.10 Na sɛ ɔman no san fi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnne minu me ho adebɔne a misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

9Na mpofirim nso na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ mede mesi hɔ na matɛw.

10Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne ntie me a, ɛnne minu me ho, yiye a mekae sɛ mɛyɛ wɔn no ho.

11 Yer 25.5; 7.3 Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen mo ho bɔne na mapam mo so apam. Mo nyinaa monsan mo akyi mfi mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye ɛ!

12 Yer 6.16; 3.17 Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yebedi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn koma bɔne denyɛ no so ade.

13Enti sɛ AWURADE se ni:

Munkobisa amanaman no mu ɛ,

hena na wate saa ade yi pɛn?

Ahodwiriwde pa ara

na Israel ababaa no ayɛ.

14So Lebanon sukyerɛma

pa asase so botantim no?

So amannɔne nsuwansuwa wiridudu

a ɛsen no bɛyow?

15Na me man werɛ afi me,

wɔahyew aduhuam ama atetade,

na wɔma wohintihintiw wɔn akwan so,

teteete atempɔn so,

sɛ wɔnnantew akwan

a ɛnyɛ akwammɔne so.

16Sɛ wɔnnan wɔn asase no

amamfo ne daa fɛwdi.

Obiara a obetwam hɔnom no ho bedwiriw no,

na wawosow ne ti.

17 Yer 2.27 Te sɛ apuei mframa no,

mɛbɔ wɔn mapete wɔn atamfo anim,

m’akyi mmom, na ɛnyɛ anim,

na mede mɛkyerɛ wɔn,

wɔ wɔn sɛe da no.

Wɔbɔ Yeremia ho pɔw bɔne

18Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.

19Yɛ aso ma me ɛ, AWURADE,

na tie wɔn a wɔne me ham no.

20 Nnw 35.7 So wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu?

Nso wɔatu amoa ama me kra,

Kae sɛnea migyinaa w’anim

sɛ mereka papa mama wɔn,

na mede asan w’abufuw afi wɔn so.

21Enti yiyi wɔn mma ma ɔkɔm,

na yi wɔn to afoa ano,

na wɔn yerenom nni mmasigyaw na wɔnnannan akunafo,

na owu nkum wɔn mmarima,

na wɔmfa afoa mmobɔ wɔn mmerante dɔm ano.

22Ma wɔnte osu nka mfi wɔn afi mu,

sɛ wode asafo bi reba wɔn so mpofirim,

efisɛ wɔatu amoa sɛ wɔde reyi me,

na wɔasunsum m’anan afiri.

23 Nnw 109.14-15 Na wo, AWURADE, wunim

wɔn agyina a wɔkɔ me ho repɛ me wu no nyinaa.

Nkata wɔn amumɔyɛ so,

na mpopa wɔn bɔne mfi w’anim,

na wɔnhwehwe w’anim ase;

w’abufuw bere mu na wo ne wɔn nni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help