2 Samuel 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid ne Batseba

1 Na Uria fii ɔhene fi kɔe no, wɔde ɔhene ayɛyɛde fi dii n’akyi.

9Na Uria kɔdaa ɔhene fi pon ano, ɔne ne wura nkoa nyinaa, na wansian ankɔ ne fi.

10Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansian ankɔ ne fi. Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: So ɛnyɛ ɔkwan na wufi bae? Ɛdɛn nti na woansian ankɔ wo fi?

111 Sa 4.4 Na Uria ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn Adaka no, ne Israel ne Yuda tete asese mu na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ wuram nsra na me de, menkɔ me fi minkodidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote ase na wo kra te ase yi, merenni saa asɛm yi.

12Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Tena ha nnɛ nso na ɔkyena mɛma woakɔ. Ɛnna Uria tenaa Yerusalem da no ne n’adekyee.

13Na Dawid frɛɛ no ne no didi nomee na ɔma ɔbowee; na anadwofa no, ofii adi kɔdaa ne nnae so, ɔne ne wura nkoa, na wansian ankɔ ne fi.

14Na ade kyee anɔpa no, Dawid kyerɛw nhoma maa Uria de kɔmaa Yoab,

15na ɔkyerɛw nhoma no mu sɛ: Momma Uria nkodi dɔm a ɛyɛ den no ano na montwe mo ho mfi n’akyi na wɔmmɔ no na ɔntɔ.

16Na Yoab retua kurow no no, ɔde Uria kodii nea onim sɛ dɔmmarima wɔ no.

17Na kurow no mu mmarima fii adi ne Yoab bɛkoe, na dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no mu bi totɔe, na Hetini Uria nso tɔe.

18Ɛnna Yoab soma kɔkaa ɔsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid.

19Na ɔhyɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Sɛ woka ɔsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie,

20na ɔhene bo huru na ɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn nti na mobɛn kurow no kɔkoe sɛɛ? So munnim sɛ wobefi ɔfasu no so abɛtotow?

21Ate 9.53 Hena na ɔbɔɔ Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbea bi na ɔtow owiyammo ba fi ɔfasu so bɔɔ no ma ɔtɔe, Tebes no? Ɛnne ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

22Na ɔbɔfo no siim, na ɔbɛkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid.

23Na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mmarima no yɛɛ yɛn so den na wofi baa yɛn so petee mu no, yɛsaa wɔn ara koduu kurow no pon ano;

24na atowfo no fi ɔfasu so totow guu wo nkoa so na ɔhene nkoa no bi totɔe na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

25Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfo no sɛ: Sɛɛ na kɔka kyerɛ Yoab: Mma asɛm yi nnhaw wo, na nkrante twa ha na etwa ha. Ma wo ko no mu nyɛ den nhyɛ kurow no, na dwiriw gu. Na fa hyɛ no nkuran.

26Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awu no, ogyam ne wura no.

27Eks 20.13-14 Na kunayɛ bere twaa mu no, Dawid soma kɔfaa no baa ne fi, na ɔbɛyɛɛ ne yere no ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid dii no ansɔ AWURADE ani.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help