1 Ahene 12 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Atifi mmusuakuw no atuatew(2 Berɛsosɛm 10.1-19)

1 na mɛhwe mo.

12 1 Ah 12.5 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa baa Rehoboam nkyɛn da a ɛto so abiɛsa no, sɛnea ɔhene kae sɛ: Da a ɛto so abiɛsa no, monsan mmra me nkyɛn, no.

13Na ɔhene de asɛnnennen buaa ɔman no, na ogyaw mpanyimfo no fo a wotuu no no,

14na ɔka kyerɛɛ wɔn, sɛnea mmofra no tuu no fo no, sɛ: M’agya maa mo kɔndua yɛɛ duru, na me de, mɛto mo kɔndua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me de, mede nkekantwɛre na mɛhwe mo.

151 Ah 11.31 Na ɔhene antie ɔman no, efisɛ AWURADE na ɔdan no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no atim.

16 Mmb 15.1; 2 Sa 20.1 Na Israel nyinaa hui sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ Dawid mu? Nanso yenni agyapade bi Yese ba no mu, monkokɔ mo afi mu, Israel, afei, Dawid, hwɛ w’ankasa wo fi. Ɛnna Israel siim kokɔɔ wɔn afi.

17Na Israelfo a wɔtete Yuda nkurow mu no de, Rehoboam dii wɔn so hene.

18Na ɔhene Rehoboam somaa Adoram a odi ɔhyɛ adwuma so no; na Israel nyinaa siw no abo ma ɔtɔe. Ɛnna ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm sii teaseɛnam mu sɛ ɔreguan aba Yerusalem.

19Na Israel wae fii Dawid fi ho de besi nnɛ.

20Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asan aba no, wɔsoma kohyiaa no baa asafo no mu, na wosii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a odii Dawid fi akyi sɛ Yuda abusuakuw nko.

21 2 Be 11.1-4 Na Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fi nyinaa ne Benyamin abusuakuw ano, nnipa a wɔapaw wɔn a wotu sa ɔpeha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fi rekɔko, na wɔadan ahenni no ama Solomon ba Rehoboam.

22Na Onyankopɔn asɛm baa Onyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ:

23Ka kyerɛ Solomon ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fi nyinaa ne ɔman no nkae sɛ:

24Sɛ AWURADE se ni: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israelfo nnkɔko, monsan nkokɔ mo afi; na me na asɛm yi fi me. Na wotiee AWURADE asɛm no, na wɔsan kɔe, sɛ AWURADE asɛm no se no.

Yeroboam abosonsom

25 Gye 32.31 Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔw so tenaa mu; na ofii hɔ kɔkyekyeree Penuel.

26Na Yeroboam see ne koma mu sɛ: Afei na ahenni no bɛsan akɔ Dawid fi,

27sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔre AWURADE fi Yerusalem a, ɛnne ɔman yi koma bɛdan akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene, nkyɛn, na wɔakum me, na wɔasan akɔ Yuda hene Rehoboam nkyɛn.

28Eks 32.4, 8 Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo anyame a ɔde wo fi Misraim bae ni.

29Ate 18.30 Na ɔde biako kosii Betel na ɔde biako nso kosii Dan.

301 Ah 14.16 Na asɛm yi dan bɔne, efisɛ ɔman no kɔɔ biako yi anim, Dan,.

31Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea afi, na ɔde ɔman no mu nnipa hunu a womfi Lewifo mu sisii asɔfo.

32Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna, ɔsram a ɛto so awotwe mu, ɔsram no da a ɛto so dunum so, sɛ dapɔnna a wodi Yuda no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so. Saa na ɔyɛe Betel: Ɔbɔɔ afɔre maa nantwi mma a ɔyɛe no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛe no asɔfo duaa Betel.

33Na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka a ɔyɛe Betel no so, ɔsram a ɛto so awotwe da a ɛto so dunum no so, ɔsram a ɔno nko bɔɔ ne tirim hyɛe no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfo no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so, na ɔhyew aduhuam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help