Hiob 28 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɛhe na nyansa fi? Mpɛɛpɛe Nyankopɔn nyansa mu

1Yiw dwetɛ wɔ ne nkommena,

na afa wɔ hɔ ma sika a wɔhoro.

2Dade nso wotu no fam,

na wɔnan abo yɛ kɔbere.

3Onipa ma esum to twa,

na ɔhwehwɛ kodu akyirikyiri

pɛ sum kabii ne sunsum mu abo.

4Wotu nkron nea obi nte hɔ,

anammɔn a etwam werɛ fi no, ɔsensɛn hɔ,

wodi ahim nea ɔdesani bi nni hɔ.

5Asase wɔ hɔ yi, aduan fi mu ba,

na n’ase nso, wɔdan ani sɛ ogya.

6Hoabo dabea ne n’abo no mu,

na sikafuturu nso wɔ hɔ.

7Ɛyɛ ɔkwan a ɔkɔre po nnim,

na akoroma aniwa nhui da,

8anworanworammoa ntiatiaa so,

na gyatabiri mfaa hɔ.

9Ɔteɛ ne nsa ka ɔbohemmaa,

obutuw mmepɔw ne ntini mu.

10Otwitwa aka abotan mu,

na n’aniwa hwɛ aboɔdenne nyinaa.

11 Hiob 28.25 Osisiw asuasu kwan na ansosɔ,

na ade a ahintaw no, oyi ba hann mu.

12Na nyansa de, ɛhe na wobehu,

na ɛhe na nhumu afa wɔ?

13Ɔdesani nnim ne bo,

na wonhu ateasefo asase so.

14Obon donkudonku ka sɛ: Enni me mu.

Na ɛpo ka sɛ: Enni me hɔ.

15 Mmb 3.14-15; 8.10-11 Wɔmfa sika amapa nsi ananmu nnye,

na wɔnkari dwetɛ ntua ne ti bo.

16 1 Ah 9.28 Wɔnkari no Ofir sika so ntɔ,

wɔmfa apopobibiribo a ne bo yɛ den ne hoabo ntɔ.

17Wɔmfa sika ne ahwehwɛ nto ho,

na wɔmfa sika nnwinne nsesa.

18Wɔmmɔ nhene panyin ne abo a ɛhyerɛn din,

na nyansa bo sen nhene pa de.

19 Eks 28.17 Etiopia asase so akrate bo ne no nsɛ,

na wɔmfa sika amapa nkyerɛ ne bo.

20Ɛnne ɛhe na nyansa fi ba?

Na ɛhe na nhumu tenabea wɔ?

21Wɔde ahintaw ateasefo nyinaa aniwa,

wɔakata so ɔsoro nnomaa anim.

22Ɔyera amoa, ne owu ka sɛ:

Yɛde yɛn aso ate ne nka.

23 Mmb 8.22-31 Onyankopɔn na ohu ne kwan mu,

na ɔno na onim ne tenabea;

24na ɔno na ɔhwɛ asase awiei,

ɔsoro ase nyinaa nso, ohu.

25 Hiob 26.10 Ɔhyɛɛ mframa duru too hɔ,

na ɔhyɛɛ nsu sɛ ne nsusuwii te no,

26bere a ɔhyɛɛ osu ahyɛde,

na ɔyɛɛ ɔkwan maa n’aprannaa asraman no,

27ɛno na ohui na oyii no adi;

ɔde sii hɔ na ɔpɛɛpɛɛ mu.

28 Nnw 111.10; Mmb 1.7 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ:

Hwɛ, AWURADE suro, ɛno ne nyansa,

na bɔne ho fi, ne nhumu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help