Mmebusɛm 22 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Din pa

1 Ɔsɛ 7.1 Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw sen ahonyade pii,

na anuonyam ye sen dwetɛ ne sika.

2Ɔdefo ne hiani hyia,

nea ɔyɛɛ wɔn nyinaa ne AWURADE.

3 Mmb 27.12 Onitefo hu bɔne a ɛbɛba,

na ɔde ne ho hintaw,

na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.

4Nea edi ahobrɛase ne AWURADE suro akyi

ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.

5Nsɔe ne mfiri wɔ ɔkɔntɔnkyefo kwan so,

nea ɔkora ne kra ne wɔn ntam bɛpan.

6 Mmb 20.11 Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so,

na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.

7Ɔdefo di ahiafo so,

na ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.

8 Hiob 4.8 Nea ogu amumɔyɛ no betwa mmusu,

na n’anibere abaa behi.

9 Mmb 19.17 Nea ohu mmɔbɔ no nya nhyira,

efisɛ ɔde n’aduan bi ma ɔbrɛfo.

10 Mmb 26.20; Gye 21.9-10 Pam fɛwdifo na atutuw befi adi,

na akasakasa ne nsopa to atwa.

11 Nnw 101.6 Nea ɔdɔ koma mu tew na n’anom kasa yɛ dɛ no,

n’adamfo ne ɔhene.

12AWURADE aniwa kora onimdefo so,

na obutuw ɔkɔnkɔnsani asɛm.

13 Mmb 26.13 Ɔkwadwofo se: Gyata wɔ adiwo,

wobekum me, mmorɔn so!

14 Mmb 5.3-4; 23.27 Mmea asansafo ano yɛ amoa donkudonku,

nea AWURADE werɛ ahow no no bɛhwe mu.

15 Mmb 23.14; 29.17 Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho,

nteɛso abaa bɛma afi ne ho.

16Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so de dɔre n’ade,

anaa ɔde ma ɔdefo no, ohia na ebehia no.

17Brɛ w’aso ase tie anyansafo kasa,

na fa wo koma to me nimdeɛ so.

18Na ɛyɛ fɛ sɛ wode besie wo yam,

na ne nyinaa abom afam w’ano.

19Nea ɛbɛyɛ na wode wo ho ato AWURADE so no,

merema woahu nnɛ, wo ara!

20Ɛno menkyerɛw wo nsɛnkunini ahorow aduasa,

afotu horow ne nimdeɛ mu,

21sɛ mɛma woahu nokware nsɛm asetim,

na wode nokwasɛm akobua wɔn a wɔsomaa wo no?

22Ntwa ɔbrɛfo dwow, sɛ ɔyɛ ɔbrɛfo,

na ntiatia mmɔboroni so kurow pon mu.

23 Mmb 23.11 Na AWURADE bedi wɔn asɛm ama wɔn,

na wɔn a wɔfow wɔn no, ɔbɛfow wɔn kra.

24 Mmb 29.22 Wo ne obufufafo mmfa ɔyɔnko,

na wo ne ɔbarima niberefo mmmɔ,

25na woansua n’akwan,

na woannya afiri amma wo kra.

26 Mmb 6.1 Nyɛ wɔn a wodi agyinam no mu bi,

wɔn a wodi akagyinam no.

27Sɛ wunni biribi a wode betua a,

adɛn nti na onnye w’ase kɛtɛ no?

28 Mmb 23.10; Deut 27.17 Ntwiw tete hye

a w’agyanom abɔ ato hɔ no.

29 Mmb 21.5 Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a,

ahene anim na obegyina,

ɔrennyina mpapahwekwa anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help