Atemmufo 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Samson aware ne n’aborɔme no

1Na Samson sian kɔɔ Timna, na okohuu ɔbea bi wɔ hɔ a ɔyɛ Filistifo mmabea no bi.

2Na ɔforo bae bɛka kyerɛɛ n’agya ne ne na sɛ: Makohu ɔbea bi wɔ Timna, Filistifo mma mu, na monkɔfa no mmrɛ me nware.

3Eks 34.16 Na n’agya ne ne na ka kyerɛɛ no sɛ: So wo nuanom mmabea ne me man nyinaa mu nni ɔbea bi, na worekɔ akɔware ɔbea Filistifo momonotofo no mu? Na Samson ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɔno na kɔfa no brɛ me, na ɔno na ɔsɔ m’ani.

4Na n’agya ne ne na nnim sɛ eyi fi AWURADE, na ɔrepɛ Filistifo ho kwan; efisɛ saa bere no na Filistifo di Israel so.

5Na Samson ne n’agya ne ne na siim kɔɔ Timna. Na woduu Timna bobe nturo ho, na hwɛ, gyataforo bi boboom hyiaa no.

6Ate 13.25 Na AWURADE honhom sii no so, na ɔtetew no mu, sɛnea wɔtetew abirekyi ba mu, nanso na hwee nkita ne nsam. Na wanka nea ɔyɛe no ankyerɛ n’agya ne ne na.

7Na osiim kɔe ne ɔbea no kɔkasae, na ɔsɔɔ Samson ani.

8Na nna bi akyi no, ɔsan kɔe sɛ okohyia no, na ɔman kɔhwɛɛ gyata funu no, na hwɛ, nnowatɔw ne ɛwo adɔ gyata no yam.

9Na ɔfaa bi kurae dii no akwanakwan, na okoduu n’agya ne ne na nkyɛn, na ɔmaa wɔn bi dii; nanso wanka ankyerɛ wɔn sɛ gyata no yam na oyii ɛwo no.

10Na n’agya siim kɔɔ ɔbea no nkyɛn, na Samson tow pon wɔ hɔ, efisɛ saa na mmerante taa yɛ.

11Na wohuu no no, wɔde nnamfonom aduasa bɛkaa no ho.

12Na Samson ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Merebɛto mo aborɔme bi. Sɛ mutumi kyerɛ me ase nnansɔn apontow yi mu na muhu a, ɛnne mɛma mo nkamisaa aduasa ne ntade nsakraho aduasa;

13na sɛ moantumi ankyerɛ me a, mo nso momma me nkamisaa aduasa ne ntade nsakraho aduasa. Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: To wo aborɔme no na yentie.

14Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Odidifo mu na aduan fi bae,

na ɔhoɔdenfo mu na adɔkɔdɔkɔde fi bae.

Na wɔantumi ankyerɛ aborɔme no ase nnansa.

15Na da a ɛto so ason no, wɔka kyerɛɛ Samson yere no sɛ: Daadaa wo kunu na ɔnkyerɛ yɛn aborɔme no ase, na yɛamfa ogya anhyew wo ne w’agya fi! So yɛn fow nti na mubehyiaa yɛn?

16Na Samson yere no su guu no so kae sɛ: Ɔtan nko na wotan me na wonnɔ me. Woato me nkurɔfo aborɔme, nso wonkyerɛɛ me ase. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, m’agya ne me na po menkyerɛɛ wɔn, na wo na menkyerɛ wo anaa?

17Ate 16.16-17 Na osu guu no so nnansɔn a apontow no gu so no nyinaa. Na da a ɛto so ason no, ɔka kyerɛɛ no, efisɛ na ɔhaw no. Na ɔkɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo no.

18Na kurow no mu mmarima ka kyerɛɛ no da a ɛto so ason no ansa na owia retɔ sɛ: Dɛn na ɛyɛ dɔkɔdɔkɔ sen ɛwo, na ɛdɛn na ne ho yɛ den sen gyata? Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

Moamfa me nantwi amfɛtɛw a,

anka moanhu m’aborɔme no ase.

19Na AWURADE honhom sii no so denneennen, na osiim kɔɔ Askelon kokunkum wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ahode, na ɔde ntade nsakraho no momaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no. Na ne bo fuwii. Na ɔsan kɔɔ n’agya fi.

20Ate 15.2 Na wɔde Samson yere no maa ne yɔnko a odii akyi wɔ aware no mu no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help