2 Samuel 24 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid kenkan ɔman no mufo

1 1 Be 21 Na AWURADE bo huru hyɛɛ Israel bio, na opiapiaa Dawid ma ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.

2Na ɔhene ka kyerɛɛ ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kokyin Israel mmusuakuw nyinaa mu fi Dan kosi Beer-seba, na monkan ɔman no, na minhu ɔman no dodow.

3Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛnea wɔte yi ho mpɛn ha, na me wura ɔhene aniwa nhu, na ɛdɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wodi saa asɛm yi?

4Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne dɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne dɔm no mu asafohene no fii ɔhene anim fii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.

5Na wokotwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kurow bi a ɛda Gad subon no mu a ɛkyerɛ Gad na ɛkɔ Yaser no,

6na wɔkɔɔ Gilead ne Kades a ɛwɔ Hitifo asase so ne Tatim-hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan fi hɔ kɔɔ Dan-yaan ne Sidon.

7Na woduu Tiro kurow a ɛyɛ den no ne Hewifo ne Kanaanfo nkurow nyinaa mu. Na wofi hɔ baa Yuda nifa fam wɔ Beer-seba.

8Yos 18.9 Na wokyin asase no nyinaa so, na asram akron ne adaduonu akyi no, wɔbaa Yerusalem,

9na Yoab de ɔman no anobu no dodow no brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrante ano si ɔpeha ahorow awotwe, na Yuda mmarima si ɔpeha ahorow anum.

10Na Dawid kan ɔman no saa no, ne koma bɔɔ no pan, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nea mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!

11Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa odiyifo Gad, Dawid dehufo no nkyɛn sɛ:

12Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ade abiɛsa na mede mereto w’anim, fa emu biako na memfa menyɛ wo.

13Yer 24.10; 29.17; Hes 6.12 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: So ɔkɔm mmra w’asase so mfe asɔn, anaasɛ wubeguan w’atamfo a wɔtaa wo anim asram abiɛsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hu asɛm ko a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no.

14Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhwe.

15Ɛnna AWURADE maa owuyare baa Israel so fi anɔpa kosii bere a ɔhyɛe no, na ɔman a efi Dan kosi Beer-seba no mu nnipa ɔpeduɔsɔn wuwui.

Arauna awiporowbea afɔrebɔ

16Na ɔbɔfo no teɛɛ ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfo no adu Yebusini Arauna awiporowbea ho.

17Num 16.22 Na Dawid huu ɔbɔfo a ɔresɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fi so.

18Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kosi afɔremuka ma AWURADE, Yebusini Arauna awiporowbea hɔ.

19Na Dawid nam Gad asɛm no so foro kɔe, sɛnea AWURADE hyɛe no.

20Na Arauna hwɛe no, ohuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔreba ne nkyɛn. Na Arauna fii adi kɔkotow ɔhene de n’anim butuw fam.

21Ɛnna Arauna kae sɛ: Ɛdɛn nti na me wura ɔhene ba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid se: Merebɛtɔ wo hɔ awiporowbea no, na masi afɔremuka mama AWURADE, na wɔasiw ɔhaw no kwan afi ɔman no so.

22Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa na ɔmmɔ afɔre sɛnea eye n’ani so. Hwɛ, ɔhyew afɔrebɔ nantwi ne porow nteaseɛnam ne anantwi no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina ni.

23Ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene. Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn ani nsɔ wo.

24Na ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: Daabi, na ɔtɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛ ne bo te, na meremfa ade biara a ɛnsom me bo memmɔ AWURADE me Nyankopɔn ɔhyew afɔre. Na Dawid tɔɔ awiporowbea no ne anantwi no maa dwetɛ nnwetɛbona aduonum.

252 Sa 21.14 Na Dawid sii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wosiw ɔhaw no kwan fii Israel so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help