1Na Saul san fii Filistifo akyi bae no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi sare so.
2Ɛnna Saul faa mmarima mpensa a wɔapaw wɔn afi Israel nyinaa mu, na ɔkɔe sɛ ɔkɔhwehwɛ Dawid ne ne nnipa no Nkakragya Abotan so.
3Nnw 142.1 Na oduu nguannan a ɛwɔ ɔkwan no so no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saul hyɛn mu sɛ okogyaa n’anan; na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa
4Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kotwaa Saul batakari ano.
5Na ɛno akyi no, Dawid koma bɔɔ no paa sɛ watwa Saul atade ano.
62 Sa 1.14; Nnw 105.15 Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.
7Na Dawid de nsɛm yi bɔɔ ne nnipa no pem, na wampene amma wɔansɔre anhyɛ Saul. Na Saul sɔre fii ɔbodan no mu sii ne kwan so.
8Na ɛno akyi no, Dawid nso sɔre fii ɔbodan no mu fii adi, na ɔbɔn Saul sɛ: Me wura ɔhene! Na Saul hwɛɛ n’akyi no, Dawid bɔɔ ne ti ase na ɔkotowee.
9Na Dawid ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na wutie nnipa nsɛm a wɔkeka sɛ: Hwɛ, Dawid pɛ wo bɔne, no?
10Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’aniwa ahu sɛnea AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkae sɛ minkum wo, nanso mekyɛee wo so, na mise: Merenteɛ me nsa menka me wura, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.
11Nso, m’agya, ampa ara, hwɛ sɛ mikura wo batakari ano. Na sɛ matwa wo batakari ano na mankum wo yi, hu na hwɛ sɛ bɔne anaa mmarato bi nni me nsam; na menyɛɛ wo bɔne bi ɛ, nso wo de, worepɛ me akum me.
12Rom 12.19; 1 Pe 2.23 AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔde wo nsam. Na me nsa de, ɛrenka wo.
13Sɛnea tete bɛ no ka no: Abɔnefo so na bɔne fi; na me nsa de, ɛrenka wo.
14Ɛhena akyi na Israel hene atu di yi? Hena na woretiw no yi? Ɔkraman funu akyi, ɔkraman dwiw biako akyi.
15Na AWURADE nyɛ ɔtemmufo, na ommu me ne wo ntam atɛn, na onhu na onni m’asɛm mma me, na ommu me atɛn nyi me wo nsam.
16Na Dawid kaa nsɛm yi kyerɛɛ Saul wiei no, Saul kae sɛ: So wo nne ni, me ba Dawid? Na Saul maa ne nne so sui.
17Na ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Woteɛ kyɛn me, efisɛ wode papa atua me ka, na me de, mede bɔne matua wo ka.
18Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yiye, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woankum me.
19Na sɛ obi to ne tamfo a, ɔbɛma ɔde ne ho sɔnn akɔ anaa? Enti AWURADE ntua wo ka pa nhyɛ nea woayɛ me nnɛ yi ananmu.
201 Sa 23.17 Na afei, hwɛ, minim sɛ wubedi hene, na Israel ahenni betim, wo nsam;
21na afei ka me AWURADE ntam sɛ worentwa m’asefo a wobedi m’akyi ngu, na worempopa me din mfi m’agya fi.
22Na Dawid kaa Saul ntam no. Na Saul siim kɔɔ fie; na Dawid ne ne nnipa no foro kɔɔ bepɔw so a.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.