1Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Fa kyerɛwpon kɛse, na fa ɔdesani krammɛn kyerɛw so sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.
2Na mɛma adansefo anokwafo, ɔsɔfo Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanse.
3Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.
4Yes 7.16; 2 Ah 16.9; 15.29 Na abarimaa no nnya nhuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asade adi Asaria hene anim.
5Na AWURADE toaa so ka kyerɛɛ me bio sɛ:
6Yes 30.15 Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti,
7hwɛ, Awurade de asubɔnten no mu nsu a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asaria hene ne n’anuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri asram ne kɔn so nyinaa;
8Yes 7.14 na ɛbɛsen afa Yuda mu ayiri akodu kɔn mu, na ne ntaban mu han adu w’asase trɛw so, O Imanuel.
9 Nnw 2 Aman, monyɛ hoo, na monnwerɛw ara,
asase a ɛwɔ akyirikyiri sofo nyinaa,
monyɛ aso, mummia na monnwerɛw,
mummia na monnwerɛw.
10 Yes 8.8 Muntu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa,
monka asɛm na ɛrennyina,
na Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.
Onyankopɔn mu gyidi ho kɔkɔbɔ11Na sɛɛ na AWURADE de nsa dennen ka kyerɛɛ me, na ɔde teɛɛ me sɛ mennantew ɔman yi kwan so sɛ:
12Mommfrɛ ade a ɔman no frɛ no atirisopam no nyinaa sɛ atirisopam, na wɔnsuro nso munnsuro, na mo bo nntu.
13Yes 29.23; Mat 10.28; 1 Pe 3.15 Asafo AWURADE no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo abotu.
14Yes 28.16; Rom 9.33; 1 Pe 2.7-8 Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ hintibo ne watiriw botan ama Israel afi abien no nyinaa, na wayɛ hentia ne afiri ama wɔn a wɔte Yerusalem no.
15Na wɔn mu bebree bɛwatiriw, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ afiri mu na wɔayiyi wɔn.
16Kyekyere adanse no, sɔw kyerɛ no ano, m’asuafo mu.
17Na metwɛn AWURADE a oyi n’ani hintaw Yakob fi no, na m’ani da no so.
18Heb 2.13; Yes 7.3; 8.3 Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me no fi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔw so no yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu.
192 Ah 1.3 Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no a, so ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wobisa ne hɔ ade? So awufo hɔ na wommisa ade mma ateasefo?
20Wonni mmara ne adanse no akyi! Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnne ade renkye wɔn.
Ahometew bere21 Adi 16.9, 11 Na wɔbɛfa asase no mu akɔ, na aden wɔn na ɔkɔm ade wɔn; na ɛbere a ɔkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyeraw wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadannan wɔn ani akyerɛ soro,
22Yes 5.30 na wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohia ne sum ni, ahoguan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.