Adiyisɛm 6 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Nsɔano ason no

1 , na yɛ aburow susukora abiɛsa denare; nanso ngo ne nsa de, nyɛ no hwee!

7 Adi 4.7 Na ɔtew nsɔano a ɛto so anan no ano no, metee sɛ ɔteasefo a ɔto so anan no se: Bra!

8Hes 14.21; Yer 15.3 Na mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔ nsonso bi ni, na nea ɔte no so no din de Owu, na asamando di n’akyi. Na wɔmaa wɔn asase abupɛn anan mu biako so tumi sɛ wɔmfa afoa ne ɔkɔm ne owu ne asase so mmoa nkunkum wɔn.

9 Adi 8.5; 14.18; 16.7 Na ɔtew nsɔano a ɛto so anum no ano no, mihuu wɔn a Onyankopɔn asɛm ne wɔn adanse a wodii no nti wɔakunkum wɔn no akra afɔremuka no ase.

10Gye 4.10; Adi 18.10 Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: Awurade, Tumfo, Ɔkronkronni ne Ɔnokwafo, woremmu atɛn, na worenntɔ wɔn a wɔte asase so no yɛn mogya so were kosi da bɛn?

11Adi 3.4-5; 7.9; 7.13-14 Na wɔmaa wɔn mu biara atade fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome bere tiaa bi bio nkosi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wobekum wɔn te sɛ wɔn no nso dodow bɛso ano.

12 Yes 13.10; Yoel 2.30-31; Luka 21.25 Na ɔtew nsɔano a ɛto so asia no ano no, mihui, na asase wosowee kɛse, na owia yɛɛ tumm sɛ ayitam, na ɔsram dan sɛ mogya.

13Yes 34.4 Na ɔsoro nsoromma hwehwee asase so te sɛ borɔdɔma a mframa kɛse wosow no tetew n’aba bun gu.

14Na ɔsoro yerae sɛ nhoma a wɔabobɔw, na mmepɔw ne nsupɔw nyinaa tutu fifii nea na ɛwowɔe.

15Yes 2.10; 2.19 Na asase so ahene ne nnipa akɛse ne asafohene ne adefo ne ahoɔdenfo ne nkoa ne adehye nyinaa hintahintaw abodan ne mmepɔw mu abotan mu.

16Luka 23.30 Na wɔka kyerɛɛ mmepɔw ne abotan no sɛ: Monhwe yɛn so mfa yɛn nhintaw mfi nea ɔte ahengua no so no ne oguammaa no abufuw ho,

17Rom 2.5 efisɛ n’abufuw da kɛse no adu, na ɛhena na obetumi agyina ano?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help