Hebrifo 8 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔsoro asɔfodi

1 Heb 4.14 Na nsɛm a yɛreka yi mu titiriw ni: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panyin a wakɔtena tumi kɛse ahengua no nifa, ɔsoro

2sɛ kronkronbea ne nokware ntamadan a Awurade ankasa, na ɛnyɛ onipa, pamee no mu sɔfo.

3 Heb 5.1 Na ɔsɔfo panyin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛde ne afɔre mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.

4Na sɛ ɔwɔ asase so de a, anka ɔnyɛ ɔsɔfo mpo, efisɛ asɔfo a wɔde ayɛyɛde ma, sɛnea mmara no te, wɔ hɔ dedaw.

5Kol 2.17; Eks 25.40 Wɔn na wɔsom ɔsoro nneɛma nhwɛso ne mfonini, te sɛnea bere a Mose rebesiesie ntamadan no, ɛbaa ne nkyɛn a ese: Hwɛ, yɛ ade nyinaa sɛnea nsusuwso a wɔkyerɛɛ wo bepɔw no so no te.

6 Heb 7.22; 12.24; 2 Ko 3.6 Na afei ne nsa aka asɔfodwuma a ɛkyɛn so, sɛ wayɛ apam a ɛkyɛn so a wogyina bɔhyɛ a ɛkyɛn so so hyɛɛ ho mmara no ntamgyinafo.

Apam foforo bɔhyɛ

7Na sɛ kan apam no ho nni asɛm a, anka wɔnhwehwɛ nea ɛto so abien tobea.

8Yer 31.31-34; Heb 10.16-17 Na onunu wɔn sɛ:

Hwɛ, nna bi reba, Awurade na ose,

sɛ me ne Israel fi

ne Yuda fi bɛpam apam foforo,

9 Eks 19.5-6 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee

da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn mifii Misraim asase so no;

efisɛ wɔn de, wɔantena m’apam mu,

na me nso mannwen wɔn ho, Awurade na ose.

10Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no,

Awurade na ose:

Mede me mmara mɛhyɛ wɔn adwenem,

na makyerɛw wɔ wɔn komam,

na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

11Na obi renkyerɛkyerɛ ne kuromani, obi renkyerɛ ne nua sɛ: Hu Awurade!

Na wɔn nyinaa behu me

afi wɔn mu akumaa so akosi ɔkɛse so.

12Na mɛdom wɔn wɔn amumɔyɛ ho,

na wɔn bɔne de, merenkae bio.

13 Rom 10.4 Nea ɔka sɛ, “foforo” yi no, ɔde ama kan de no dedaw; na nea ɛreyɛ dedaw na ɛretwa mu no, aka kakra na ayera.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help