1Ao, AWURADE, m’ahoɔden, medɔ wo.
2 Deut 32.4 AWURADE ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo,
me Nyankopɔn ne me botantim a meguan kɔtoa no,
me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’aban dennen.
3Misu mefrɛɛ, AWURADE, ɔno a ɔfata sɛ wɔyi n'ayɛ,
na wɔagye me m’atamfo nsam.
4 Nnw 116.3 Owu nhama bobaree me ho,
na ɔsɛe bɛtoo me sɛ osuhweam
5Asamando nhama twaa me ho kɔntɔnkrɔn,
owu afiri behyiaa me.
6M’ahoyeraw mu misu mefrɛɛ AWURADE,
Nyankopɔn na meteɛɛm mefrɛɛ no.
Ɔtee me nne n’asɔrefi,
na me su a misui n’anim no koduu n’asom.
7Ɛnna asase hinhimii, na ɛwosowee,
na mmepɔw nnyinaso popoe, na ehinhimii,
efisɛ ne bo ahuru.
8 Eks 19.18 Owusiw tu fii ne hwenem,
na ogya a ɛhyew ade fii n’anom,
nyansrama fii ne mu dɛwee.
9 Nnw 144.5 Na okuntun ɔsoro mu, na osii fam,
na sum kabii wɔ ne nan ase.
10 Nnw 99.1 Na ɔtenaa Kerub so tui,
na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛso.
11 Yes 50.3 Ɔde sum kataa ne ho hyiae,
n'asasewa yɛ osu a amuna kusuu.
12Hann a edi n’anim no
nyansrama fii,
ne mununkum no mu bae.
13Na AWURADE boom ɔsoro,
na ɔsorosoroni no ma wɔtee ne nne,
amparuwbo ne nnyansramma.
14 1 Sa 7.10 Na ɔtotow n’agyan de bɔɔ wɔn hwetee,
ne anyinam de tanee wɔn ani.
15Ɛnna ɛpo mu mmonka yiyii adi,
na wiase nnyinaso ho daa hɔ,
efi w’ateɛteɛ, AWURADE,
ne wo hwene mu home hahyeehahyee no.
16 Nnw 144.7; 69.1-2 Ɔteɛɛ ne nsa fi soro bɛfaa me,
ɔtwee me fii nsu pii mu.
17Ogyee me fii me tamfo hoɔdenfo
ne wɔn a wokyi me no nsam,
efisɛ wɔsen me ahoɔden.
18Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu,
na AWURADE bɛyɛɛ me okyitaafo.
19 Nnw 18.36 Na oyii me kogyinaa nea ɛhɔ trɛw,
ogyee me, efisɛ mesɔɔ n’ani.
20AWURADE tuaa me ka sɛ me trenee te,
sɛ me nsa ho si tew no na otuaa me ho ka maa me.
21Na manantew AWURADE akwan so,
na memfaa bɔne kwan bi so minnyaw me Nyankopɔn,
22 Deut 17.19 na mmom n’atemmude nyinaa wɔ m’ani so,
na mimfii n’ahyɛde ho ɛ.
23 Nnw 15.2 Na me ho nni asɛm bi wɔ n’anim,
na mehwɛɛ me ho so mifii amumɔyɛ ho.
24Na AWURADE atua me ka sɛnea me trenee te,
sɛ me nsa ho a afi wɔ n’ani so no te.
25Ɔnokwafo na wo ne no bedi no nokwarem,
onipa a odi mu na wo ne no bedi no mudi so.
26Nea ɔtew ne ho na wobɛtew wo ho akyerɛ no,
na ɔkɔntɔnkyefo de, wukyinkyim wo ho kyerɛ no.
27 Hiob 22.29 Na wo na wugye ahobrɛasefo,
na wobrɛ ahantanfo ase.
28Na wo na woma me kanea dɛw,
AWURADE me Nyankopɔn, hyerɛn me sum mu.
29 Nnw 60.12 Na wo na mede wo metow mehyɛ ɛdɔm so,
na mede me Nyankopɔn mihuruw metra ɔfasu.
30 Nnw 19.8 Na Onyankopɔn yi de, ne kwan yɛ pɛpɛ,
AWURADE asɛm mu tew,
ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a woguan toa no nyinaa.
31Na hena ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko,
na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?
32Onyankopɔn a ɔde ahoɔden bɔɔ m’asen,
na ɔma me kwan yɛ pɛpɛɛpɛ.
33Ɔyɛ m’anan sɛ aforotebere de,
na ɔde me gyina me srɔnsrɔnmmea so.
34 Nnw 144.1 Ɔkyerɛ me nsa akodi,
na ɔma me basa kuntun kɔbere tadua mu.
35 Mmb 15.33 Na woama me wo nkwagye kyɛm,
na wo nsa nifa soo me mu,
na wo mmoa maa meyɛɛ kɛse.
36 Nnw 31.8 Wotrɛw m’anammɔn mu m’ase,
na m’anan anwatiri.
37Mitiw m’atamfo, na metoo wɔn,
na mansan de kosii sɛ miwiee wɔn kum.
38Mebobɔɔ wɔn, na wɔantumi ansɔre,
wɔtotɔe me nan ase.
39Na wode ahoɔden bɔɔ m'asen maa akodi,
wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no ase hyɛɛ m’ase,
40na womaa m’atamfo dan wɔn akyi kyerɛɛ me,
na wɔn a wokyi me no, mesɛee wɔn.
41 Mmb 1.28 Wosu frɛe, na ogyefo bi nni hɔ,
wɔfrɛɛ AWURADE, nanso wammua wɔn.
42Na mepɛtɛw wɔn meyɛɛ wɔn sɛ mfuturu, mframa anim,
mesesaw wɔn migui sɛ mmorɔn so dɔte.
43Wuyii me ne nnipa m’aperedi mu, wode me sii amanaman so ti;
ɔman a minnim wɔn na ɛsom me.
44Aso tee ara pɛ na wotiee me,
ananafo brɛɛ wɔn ho ase maa me.
45Ananafo twintwamee,
na wɔde ahopopo fifii wɔn hintabea bae.
46AWURADE te ase, na nhyira ne me botantim no.
Na me nkwagye Nyankopɔn no, wɔmma no so.
47Onyankopɔn a odii were maa me,
na ɔde aman hyɛɛ m’ase,
48wagye me afi m’atamfo mu,
yiw, woama me so afi wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no mu,
woagye me awerɛmfo nsam.
49 Rom 15.9 Enti, AWURADE, mɛda wo ase amanaman mu,
na mabɔ wo din mato ayeyi nnwom,
50 2 Sa 7.12-16 sɛ wone nea ɔma ne hene nkwagye so,
na ɔyɛ nea wasra no no adɔe,
Dawid ne n’asefo daa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.