Hosea 14 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Israel ahonu ne Onyankopɔn nhyira

1 Hos 12.6; Sak 1.4 Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.

2Heb 13.15 Momfa nsɛm nkura nsan mmra AWURADE nkyɛn; monka nkyerɛ no sɛ: Fa amumɔyɛ nyinaa kyɛ, na gye papa, na yɛmfa yɛn ano nyɛ anatwinini mmɛbɔ afɔre.

3Asiria rennye yɛn, apɔnkɔ so nso yɛrentena, nanso yɛrenka nkyerɛ yɛn nsa ano adwuma sɛ: Yɛn nyame bio! Efisɛ wo mu na ayisaa nya timmɔbɔ.

4Mɛsa wɔn nsanakyiri mu yare, meyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuw adan afi no so.

5Mɛdan sɛ obosu mama Israel, ne nhwiren bɛhan sɛ sukooko, na wagye ntini sɛ Lebanon;

6n’abaa bɛdannan, na n’ahoɔfɛ ayɛ sɛ ngodua, na ayi hua sɛ Lebanon.

7Wɔn a wɔtete ne nwini ase bɛsan abɛma awi asan anya afiye, na wɔafefɛw sɛ obobe a ne din ahye sɛ Lebanon bobesa.

8Efraim, asɛm bɛn na me ne ahoni wɔ bio? Me de, megye no so, na m’ani aku ne ho, me a mete sɛ ɔpopaw frɔmfrɔm, me so na wobehu w’aba.

9Nnw 25.10 Hena ne onyansafo a obehu eyinom mu, nhumufo a obehu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na atreneefo bɛnantew so, na mmaratofo de, wɔbɛhwehwe so ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help