2 Timoteo NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(RATB)
NHYƐNMUPaulo nhoma a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Timoteo no yɛ afotu a ɔde maa n’abofra Timoteo a ɔsan yɛ ne boafo no. Asɛm titiriw a ɛwɔ mu ne boasetɔ. Ɔtu Timoteo fo san hyɛ no den sɛnea ɔbɛkɔ so adi Yesu Kristo ho adanse nokware mu, na wakura nokware nkyerɛkyerɛ a ɛfa Asɛmpa no ne Apam Dedaw no ho mu. Ose: Ɔnyɛ n’asɛde sɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ɔsɛmpakani wɔ ɔtaa ne amanehunu mu.Ade titiriw a ɔbɔɔ Timoteo kɔkɔ wɔ ho ne “nkwasea akyinnye ne biribi a ɔnnim ho akyinnye” a ɛmfa biribi pa biara mma, na mmom ɛsɛe wɔn a wɔtie no no.Ne nyinaa mu na ɔkyerɛwfo no kae Timoteo, ɔno ara n’abrabɔ ne ne botae nhwɛso — ne gyidi, n’abotare, ne dɔ, ne boasetɔ, n’amanehunu wɔ ɔtaa mu.EMU NSƐMMfitiase no nkyerɛkyerɛmu 1.1-2Ayeyi ne afotusɛm 1.3—2.13Afotusɛm ne kɔkɔbɔ 2.14—4.5Paulo tebea mu 4.6-18Awiei 4.19-22