Nnwom 139 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn yɛ honhomWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1 Nnw 139.23; 7.9 O, AWURADE, woahwehwɛ me mu, na woahu me.

2 Yer 17.10 Wo na wunim m’asetena, ne me sɔre,

wuhu m’adwenem akyirikyiri.

3Wopɛɛ me nantew ne me nna mu,

na wunim m’akwan nyinaa mu yiye.

4Na asɛm biara nni me tɛkrɛma so

gye nea wo, O, AWURADE, wunim ne nyinaa.

5Woaka me ahyɛm, m’akyi ne m’anim,

na wode wo nsa ato me so.

6Saa nimdeɛ yi yɛ me nwonwa dodo,

ɛkɔ soro dodo, mintumi koraa.

7Ɛhe na mefi wo honhom no anim maguan makɔ?

Na ɛhe na mefi w’anim maguan makɔ?

8 Amos 9.2 Sɛ meforo soro a, wowɔ hɔ,

na mekɔsɛw me kɛtɛ asaman a, wuni!

9 Yona 1.3 Sɛ mefa adekyee ntaban mitu

mekɔtena po akyi noho a,

10ɛhɔ nso na wo nsa bɛkɔ akogya me,

na wo nsa nifa beso me mu.

11 Hiob 34.22 Na sɛ mise: Esum nko mmɛkata me so,

na me ho hann nnan anadwo a,

12 Yak 1.17 esum nso nnuru sum mma wo,

na anadwo haran sɛ awia,

esum ne hann yɛ wo pɛ.

13Na wo na wobɔɔ m’asaabo,

wonwenee me, me na yam.

14Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa;

wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.

15 Ɔsɛ 11.5 Me nnompe anhintaw wo,

bere a wɔyɛɛ me ahintawee mu

na wɔnwenee me anwonwa kwan so, asase mu tɔnn no.

16 Hiob 14.5 Meyɛ mogya tɔw nko no, w’aniwa huu me,

na wo nhoma mu wɔakyerɛw ne nyinaa,

nna a wɔahyɛ asie na emu biako pɛ nnya mmae no.

17 Yes 55.9 Na me de, O, Onyankopɔn, w’adwene bo yɛ me den dɛn ara!

Ɛdɔɔso dɛn ara!

18 Nnw 40.5; 63.6 Sɛ merekan a, ɛdɔɔso sen nwea,

minyan a, meda so mewɔ wo ho ara.

19O, Onyankopɔn, sɛ wubekum ɔbɔnefo,

na mogyapɛfo afi me so akɔ ɛ!

20Wɔn a wɔkasa tia wo mmusu mu

ne w’atamfo a wɔbɔ wo din ahuhude mu no.

21AWURADE, wɔn a wɔtan wo no, mentan wɔn anaa?

Na wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no, me werɛ nhow wɔn anaa?

22Mede ɔtan pa metan wɔn,

mibu wɔn m’atamfo.

23 Nnw 139.1 Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma,

sɔ me hwɛ, na hu m’adwene,

24 Nnw 27.11 na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ,

na gya me kɔ daa kwan so!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help