1 Berɛsosɛm 18 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Dawid mmaninne ne ne mpanyin(2 Samuel 8.1-18)

1Na eyi akyi no, Dawid kunkum Filistifo, na ɔbrɛɛ wɔn ase, na ogyee Gat ne ɛho nkurowa Filistifo nsam.

2Na okunkum Moabfo nso, na Moabfo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba.

3Na Dawid kum Soba hene Hadadeser de kosii Hamat, ne kɔ a ɔkɔe sɛ ɔde ne nsa rekosi Eufrate asubɔnten ano no mu.

4Na Dawid kyeree ne dɔm mu nteaseɛnam apem ne apɔnkɔsotefo mpemnson ne anammɔn mufo ɔpeduonu, na Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ nyinaa nantin ntini, na ogyaw wɔn mu nteaseɛnam ɔha de.

5Na Siriafo a wɔwɔ Damasko no bae bɛboaa Soba hene Hadadeser no, Dawid kunkum Siriafo no mu nnipa ɔpeduonu abien.

6Na Dawid de bansifo sii Siriafo a wɔwɔ Damasko no so, na Siriafo dan Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba. Na AWURADE maa Dawid dii nim baabiara a ɔkɔ.

7Na Dawid gyee sika akyɛm a Hadadeser nkoa kurakurae no de baa Yerusalem.

81 Ah 7.15, 23 Na Dawid faa kɔbere bebree pa fii Hadadeser nkurow Tibhat ne Kun mu de bae. Ɛno na Solomon de yɛɛ kɔbere po ne adum ne kɔbere nneɛmanneɛma no.

9Na Hamat hene Tou tee sɛ Dawid aka Soba hene Hadadeser dɔm nyinaa agu no,

10ɔsomaa ne ba Hadoram baa ɔhene Dawid nkyɛn bekyiaa no hyiraa no, sɛ ɔne Hadadeser ako na waka no agu nti, efisɛ Hadadeser ne Tou di dɔm, na okura sika ne dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow nyinaa bae.

11Ɛnonom nso na ɔhene Dawid yɛɛ no kronkron maa AWURADE, ne dwetɛ ne sika a ɔkɔsoae fi amanaman no nyinaa, Edomfo ne Moabfo ne Amonfo ne Filistifo ne Amalekfo mu no.

12Nanso Seruia ba Abisai kum Edomfo mu nnipa ɔpedunwɔtwe wɔ Nkyene-bon no mu.

13Na ɔde bansifo sii Edomfo so, na Edomfo nyinaa dan Dawid nkoa. Na AWURADE maa Dawid dii nim nea ɔkɔ nyinaa.

14Na Dawid dii Israel nyinaa so hene, na odii atemmusɛm ne asɛntrenee maa ne man nyinaa.

15Na Seruia ba Yoab na odi dɔm no so. Na Ahilud ba Yehosafat ne ɔsɛnkaefo.

161 Be 24.6 Na Ahitub ba Sadok ne Abiatar ba Abimelek ne asɔfo. Na Sawsa ne ɔkyerɛwfo.

172 Sa 8 Na Yehoiada ba Benaia di Keretifo ne Peletifo a wɔyɛ asraafo no so. Na Dawid mma a wodi kan no na wɔyɛ ɔhene no ankɔbeafo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help