1 ampa, na ɛso aba ni.
28Nanso amanfo a wɔtete asase no so no yɛ den, na nkurow no, wɔabɔ ho ban, ɛsosoe sɛ, na yehuu Anak mma nso wɔ hɔ.
29Amalek te anafo fam asase so, na Hetifo ne Yebusifo ne Amorifo tete bepɔw so, na Kanaanfo tete mpoano ne Yordan ho.
30 Deut 13.6; 14.6 Na Kaleb dwudwoo ɔman no maa Mose, na ɔkae sɛ Momma yɛnkɔ nkɔforo, na yɛnkɔfa asase no; na otumi de, yebetumi wɔn.
31Na mmarima a wɔne no kɔe no kae sɛ: Yɛrentumi nkɔforo nhyɛ ɔman no, efisɛ wɔyɛ den sen yɛn.
32Na wɔmaa asase a wɔkɔsrae no ho atenka bɔne trɛw Israelfo no mu sɛ: Asase a yɛfaa mu kɔsrae no yɛ asase a edi ɛsotefo, na nkurɔfo a yehuu wɔn wɔ so no nyinaa yɛ abran ara nko;
33Deut 9.2 na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, (Anak mma a wofi abran akɛse no mu no), na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
