Lewitikɔs 11 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Mmoa a wonni ne nea wonnni

1 Deut 14.2-21 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose ne Aaron see wɔn sɛ:

2Gye 7.2; Aso 10.14-15; Kol 2.16; 1 Tim 4.4 Monkasa nkyerɛ Israelfo sɛ: Eyinom ne mmoa a munni wɔ asase so mmoa nyinaa mu:

3Ntɔteboa mu wɔn a wɔwɔ tɔte a emu apae na wɔn tɔte mu apae koraa, na wopuw nea wɔadi wesaw no, ɛno na munni.

4Eyinom nko na munnni, wɔn a wopuw wesaw anaa wɔn tɔte mu apae mu: yoma, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, enti ne ho ntew mma mo;

5ne atwaboa, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo;

6ne adanko, efisɛ opuw wesaw de, nanso ne tɔte mu mpae, ne ho ntew mma mo;

7ne prako efisɛ ne tɔte mu apae koraa de, nanso ompuw nwesaw, ne ho ntew mma mo.

8Munnni wɔn nam, na monnka wɔn afunu; wɔn ho ntew mma mo.

9Eyi ne nea munni nea ɛwɔ nsu mu nyinaa mu: Nea ɛwɔ ntɛtɛw ne abon, nsu mu, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ɛnonom na munni.

10Na biribiara a enni ntɛtɛw ne abon, ɛpo ne nsuwansuwa mu, ade a ɛwɔ nsu mu nyinaa nkwa wɔ mu; nyɛ akyide mma mo.

11Na ɛnyɛ mo akyide, munnni wɔn nam, na wɔn afunu nso, munkyi.

12Ade biara a enni ntɛtɛw ne abon nsu mu no yɛ mo akyide.

13Na eyinom na munkyi ntuboa mu; munnni wɔyɛ akyide, ɔkɔre ne ɔkɔrebia ne asu so kɔre,

14ne ɔkom ne asansa, sɛnea wɔn su te,

15anene ahorow nyinaa,

16sohori, patukɛse, ɛpo so asomfena ne akoroma, sɛnea wɔn su te,

17ne patubiaa, ɛpo so anene, patukɛse,

18bakanoma, pokupoku, opete,

19asukɔnkɔn, asukɔnkɔn ahorow, asuakwaa ne ampan.

20Ntuboa nyinaa a wɔnantew nan anan anan so nyinaa nyɛ akyide mma mo.

21Nanso eyinom na munni ntuboa a wɔnantew nan anan anan so nyinaa mu, wɔn a wɔwɔ aprɛw abien wɔ wɔn nan so a wɔde huruhuruw asase so no;

22wɔn mu nea munni ni: Mmoadabi ahorow, abirinkran ahorow, atutuafuru ahorow, mmɛbɛw ahorow.

23Na ntuboa manyamanya a wɔwɔ nan anan anan nyinaa yɛ akyide ma mo.

24Lew 5.2; 14.46 Na eyinom na mode begu mo ho fi; obiara a ɔka wɔn funu no ho ntew kosi anwummere.

25Na obiara a ɔsoa wɔn funu ho biribi no, ɔnhoro ne ntade, efisɛ ne ho ntew ara kosi anwummere.

26Ntɔteboa a wɔn tɔte mu apae, nanso emu nwie pae na wompuw nwesaw no nyinaa ho ntew mma mo; obiara a ɔka wɔn no, ne ho ntew.

27Na mmoa a wɔnam nan anan anan so nyinaa mu wɔn a wɔnam wɔn nsa ne wɔn nan mu no, wɔn ho ntew mma mo; obiara a ɔka wɔn funu no ho ntew kosi anwummere.

28Na nea ɔsoa wɔn funu bi no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere; wɔn ho ntew mma no.

29Na mmoa a wɔwea asase so mu wɔn a wɔn ho ntew mma mo ni: Kɔkɔbo, akura, aketew ahorow,

30ɔdan-ne-na, ɔmampam, ɔketew, sare so ketew ne ɔbosomaketew.

31Eyinom ne wɔn a wɔn ho ntew mma mo, mmoa a wɔwea nyinaa mu; sɛ wowu a, obiara a ɔka wɔn no ho ntew kosi anwummere.

32Na ade biara a wɔn mu bi awu atɔ so no, ɛho ntew: dua ade biara oo, atade oo, nhoma oo, awere oo, ade biara a wɔde yɛ adwuma; wɔmfa nhyɛ nsu mu, na ɛho ntew kosi anwummere ansa na ɛho atew.

33Na kuku biara a wɔn mu bi bɛhwe mu no, nea ɛwɔ mu nyinaa ho ntew, na kuku no nso mommɔ no.

34Aduan a wodi biara a nsu no bi begu mu no ho ntew, na anonne biara a wɔnom wɔ ade biara a ɛte saa mu no ho ntew.

35Na ade biara a wɔn funu ho biribi bɛhwe so, ɛho ntew; fononoo oo, muka oo, wɔmmubu: ɛho ntew, na mummu no sɛ ɛho ntew.

36Nanso nsuaniwa anaa abura a nsu wom de, ɛho tew ara; na biribiara a ɛka wɔn funu na ɛho ntew.

37Na sɛ wɔn funu ho biribi hwe kuade a wodua biara so a, ɛho tew;

38na sɛ wɔde nsu gu kuade no so na wɔn funu ho biribi hwe so a, ɛho ntew mma mo.

39Na sɛ mmoa a mudi no bi wu a, nea ɔka ne funu no ho ntew kosi anwummere.

40Eks 22.31 Na nea odi ne funu no bi no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere; na nea ɔsoa ne funu no nhoro ne ntade, na ne ho ntew kosi anwummere.

41Na ade biara a ɛwea fam yɛ akyide, munnni.

42Ade biara a ɛnam yafunu so ne ade biara a ɛnam nan anan so kosi ade biara a ɛwɔ nan bebree so, wɔn a wɔwea fam nyinaa mu no, munnni, efisɛ ɛyɛ akyide.

43Munnhura mo kra ho, mmoa a wɔwea no biara ho, na monnyɛ mo ho fi a ɛmma mo ho ntew wɔ wɔn ho.

44Lew 19.2 Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti montew mo ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum ade biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.

45Lew 20.26 Na mene AWURADE a miyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.

46Eyi ne ntɔteboa ne ntuboa ne aboa biara a ɛwɔ nsu mu ne mmoa a wɔwea fam nyinaa ho mmara,

47sɛ wɔmfa mpae ade a ɛho ntew ne nea ɛho tew mu, ne mmoa a wodi ne mmoa a wonni mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help