Nnwom 146 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Onyankopɔn daa nokwaredi

1Munyi AWURADE ayɛ!

Me kra, yi AWURADE ayɛ.

2Mete ase yi, meyi AWURADE ayɛ,

mewɔ hɔ yi, mɛto dwom mama me Nyankopɔn.

3 Nnw 118.8-9; Yer 17.5 Mommfa mo ho nnto ahene

anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.

4 Gye 3.19; Ɔsɛ 12.7 Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu,

da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.

5Nhyira ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo,

nea n’ani da AWURADE, ne Nyankopɔn, so.

6Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,

ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,

ɔno na ɔkora nokware daa.

7Obu atɛn ma wɔn a wodi wɔn amim,

ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan.

AWURADE tu nneduafo.

8 Nnw 145.14 AWURADE bue anifuraefo ani,

AWURADE ma wɔn a wɔakotow so gyina,

AWURADE dɔ treneefo,

9 Eks 22.20-21; Nnw 10.14; 68.5 AWURADE kora ahɔho so,

ogyina nyisaa ne akunafo akyi,

na abɔnefo kwan de, ɔdan ani.

10 Nnw 93.1 AWURADE di hene daa,

Sion, wo Nyankopɔn di hene kɔ awo ntoatoaso nyinaa so.

Munyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help