1 Korintofo 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no ho asɛm

1 1 Ko 1.17 Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra so mammɛka mo Onyankopɔn adansesɛm no.

2Gal 6.14 Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye sɛ Yesu Kristo ne sɛ wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.

3Aso 18.9; 2 Ko 10.1 Na me de, mmerɛwyɛ ne ehu ne ahopopo bebree mu na me ne mo tenae.

41 Ko 2.1 Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu,

5Efe 1.17; 1.19; 1 Te 1.5 na mo gyidi annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.

Onyankopɔn nokware nyansa no

6Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu, na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi de, na ɛnyɛ wiase atumfo a wobeyi wɔn hɔ no de,

7Rom 16.25 na mmom yɛka Onyankopɔn nyansa ahintasɛm mu, nyansa a wɔde siei a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn anuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase ase.

8Luka 23.34; Yak 2.1 Nea wiase yi atumfo mu biara anhu, na sɛ wohui a, anka wɔammɔ anuonyam Awurade no asɛnnuam,

9Yes 64.3 na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ

nea aniwa nhui, na aso ntee,

na ɛmaa onipa koma mu da

ne nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no.

10 Mat 13.11 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn; efisɛ Honhom no pɛɛpɛɛ ade nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no nso.

11Na nnipa mu hena na onim nea ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ankasa honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Onyankopɔn honhom.

12Na yɛn de, ɛnyɛ wiase honhom na yenyae, na mmom honhom a ofi Nyankopɔn mu, na yɛahu nea Onyankopɔn de adom yɛn.

131 Ko 2.1; 2.4 Nso nea yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom nea Honhom no kyerɛkyerɛ, na yɛde honhom ade to honhom ade ho.

141 Ko 1.23; Yoh 8.47 Na onipa a onni honhom no nnye Onyankopɔn honhom ade, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ontumi nhu mu, efisɛ wobu mu atɛn honhom mu.

151 Yoh 2.20 Na onipa a ɔwɔ honhom mu no de, obu ade nyinaa atɛn, na ɔno de, obi mmu no atɛn.

16Rom 11.34; Yes 40.13 Na hena na wahu Awurade adwene sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help