Yesaia 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

1 Gye 30.23; 1 Sa 1.5-6 Na mmea baasɔn besuso ɔbarima koro mu da no aka sɛ:

Yebedi yɛn ankasa aduan, na yɛahyɛ yɛn ankasa ntade;

ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so;

na yi yɛn aniwu fi yɛn so.

Yerusalem nkwagye

2 Yes 11.1 Ɛda no na AWURADE baa no bɛyɛ fɛfɛɛfɛ nyamnyam, na asase so aba bɛyɛ ahohoahoade ne ahyehyɛde ama Israel nkae a wɔanya nkwa no.

3Luka 10.20 Na nea wɔagyaw no Sion ne nea waka Yerusalem no wɔbɛfrɛ no kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din afra ateasefo mu, Yerusalem nyinaa,

4Sak 13.1; Mat 3.11 da a Awurade de atemmu honhom ne ɔhyew honhom bɛhohoro Sion mmabea ho fi na wayi Yerusalem mogya so afi mu no.

5Eks 13.21; 40.34, 38 Na AWURADE bɛyɛ omununkum ne owusiw awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔw so tenabea nyinaa ne nkurɔfo a wɔahyia hɔ so, na katamanso akata anuonyam no nyinaa so;

6Yes 25.4-5 na ɛbɛyɛ ntamadan a ase wɔ nwini awia, ahohuru mu, ɛne guankɔbea ne hintabea, ɔprannaa ne osutɔ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help