1 Yer 26.18; Yes 1.1 AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahene Yotam, Ahas ne Hesekia bere so wɔ Samaria ne Yerusalem ho ni.
2Aman nyinaa, muntie!
Asase ne ne mayɛ, monyɛ aso!
Na AWURADE Nyankopɔn nyɛ ɔdansefo ntia mo,
AWURADE wɔ n’asɔrefi kronkron no mu.
3 Amos 4.13 Na hwɛ, AWURADE refi adi afi n’afa,
na wasian abetiatia asase sorɔnsorɔmmea so.
4Na mmepɔw bedwiriw wɔ n’ase,
na abon mu apaepae,
sɛ hweawa tetew ogya anim no,
te sɛ nsu a wɔahwie agu nea ɛhɔ sian.
5 Yer 23.13-14 Efi Yakob mmarato
ne Israel fi nnebɔne nti na eyi nyinaa ba,
Dɛn ne Yakob mmarato?
So ɛnyɛ Samaria?
Na dɛn ne Yuda sorɔnsorɔmmea?
So ɛnyɛ Yerusalem?
Samaria ne Yerusalem sɛe6Enti mede Samaria mɛyɛ wuram abokuw wɔ aman anim
ne abobe atɛwee,
na mede n’abo megu obon no mu,
na mayi ne nnyinaso adi.
7 Hos 2.5, 12 Na wɔbɛbobɔ n’ahoni nyinaa,
na wɔde ogya ahyew n’ayɛyɛde nyinaa,
na mɛyɛ n’abosom adum nyinaa afo,
efisɛ aguaman apɛde na ɔde aboa ano,
na aguaman apɛde na ɛbɛsan akɔyɛ.
8Eyi nti mesu na matwa adwo,
mɛnantew a mpaboa nni mu, akɔ no adagyaw mu,
metue osu sɛ sakraman,
na madi nkɔmmɔ sɛ sohori.
9Na n’apirakuru no wontumi nsa bio;
na abedu Yuda,
abɛso me man pon ano,
adu Yerusalem.
10 2 Sa 1.20 Monnka no wɔ Gat,
munnkosu koraa;
wɔ Bet-leafra
na monyantam mfutuma mu.
11Safirfo, monsen nkɔ,
wɔ adagyaw ne aniwu mu;
Sanaanfo mfi adi;
Bet-esel retwa adwo
na obegyae w’akyi gyina;
12na Marotfo de ahoyeraw twɛn mmere pa,
efisɛ amane afi AWURADE nkyɛn aduru aba
Yerusalem kurow pon ano.
13Lakisfo, momfa teaseɛnam nsa ɔpɔnkɔ hoɔharefo;
ɛyɛ Sion babea bɔne mfiase,
sɛ mo mu na wohuu Israel mmaratode no.
14Enti wɔbɛma Moreset-gat nkradi akyɛde:
Aksib afi bedi
Israel ahene huammɔ.
15Maresafo, mede ɔdedifo foforo mɛbrɛ mo;
Adulam na Israel anuonyamfo bedu.
16Bɔ tikwaw na bɔ kwatrekwa,
w’akorɔkorɔ mma nti,
ma wo tikwaw ntrɛw sɛ opete de,
efisɛ wɔatu wo nkyɛn kɔ nnommum mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
