Nnwom 130 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Amanehunu kɛse mu mpaebɔMforoso dwom

1 Nnw 69.2 Mifi abun kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE.

2Awurade, tie me nne,

wɛn w’aso tie me nkotɔsrɛ.

3 Nnw 19.12 AWURADE, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a,

hena na anka obegyina?

4 Yes 55.7; Rom 6.1-2 Na wo na fafiri wɔ wo fam,

na wɔasuro wo.

5Mehwɛ AWURADE kwan,

me kra rehwɛ ɔkwan,

na n’asɛm so na m’ani da.

6Me kra twɛn AWURADE

sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee,

sen awɛmfo a wɔtwɛn adekyee.

7Israel, ma w’ani nna AWURADE so,

na AWURADE fam na adɔe wɔ,

na ogye a ɛdɔɔso wɔ ne nsam.

8 Mat 1.21 Ɔno na obegye Israel

afi n’amumɔyɛ nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help