Mateo 26 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Wɔpam Yesu tiri so(Marko 14.1-2; Luka 22.1-2)

1Na ɛbae sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, osee n’asuafo no sɛ:

2Yuda nkɔnkɔnsa(Marko 14.10-11; Luka 22.3-6)

14Ɛnna dumien no mu biako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfo mpanyimfo no nkyɛn

15Nkae adidi no asehyɛ

26 Yuda de asraafo ba(Marko 14.43-50; Luka 22.47-53; Yohane 18.3-12)

47Na ogu so kasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dumien no mu biako bae, na nkurɔfokuw bebree a wokurakura nkrante ne mmaa fi asɔfo mpanyin ne ɔman no mpanyimfo nkyɛn ka ne ho.

48Na nea oyii no mae no ama wɔn sɛnkyerɛnne sɛ: Nea mefew n’ano no, ɔne no; monkyere no!

49Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ofew n’ano.

50Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbae besusoo Yesu mu kyeree no.

51Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu biako teɛɛ ne nsa twee ne nkrante, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa twaa n’aso.

52Yesu asɛmmisa. Asuafo no aguan

55Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfo akuwakuw no sɛ: Moaba sɛnea moreba odwowtwafo so de nkrante ne mmaa rebɛkyere me? Metenaa asɔrefi mekyerɛkyerɛe daa, nanso moankyere me.

56Mat 26.31 Na eyi nyinaa aba na nea adiyifo no kae kyerɛw nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafo no nyinaa gyaw no guanee.

Yesu gyina Kaiafa anim(Marko 14.53-72; Luka 22.54-71; Yohane 18.13-27)

57Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanyin Kaiafa hɔ, faako a Kyerɛwfo ne mpanyimfo no ahyia no.

58Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfo no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awiei.

Adansekurum ne animtiaabu

59Na asɔfo mpanyimfo ne abaguafo no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurum, na wɔagyina so akum no,

60nanso wɔannya bi. Adansekurumfo bebree bae de, nanso wɔannya bi. Na akyiri yi no, baanu bae

61Yoh 2.19-21 sɛ: Oyi aka sɛ: Metumi madwiriw Onyankopɔn asɔredan, na mato no nnansa.

62Na ɔsɔfo panyin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wummua bi? Ɛdɛn ho na eyinom di adanse tia wo yi?

63Mat 27.12 Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panyin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefo no sɛ, sɛ wone Kristo, Onyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn.

64Nnw 110.1; Mat 16.27; 24.30 Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mise mo sɛ, efi nnɛ mubehu Onipa Ba no sɛ ɔte nea ɔwɔ tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum so.

65Yoh 10.33 Ɛnna ɔsɔfo panyin no sunsuanee n’atade mu sɛ: Waka abususɛm! Dɛn hia na ehia yɛn adansefo bio? Hwɛ, afei moate n’abususɛm no.

66Yoh 19.7; Lew 24.16 Mudwen ho dɛn? Na wobuae sɛ: Ɔsɛ owu.

67Yes 50.6 Ɛnna wɔtoo ntasu guu n'ani so, na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotɔre

68sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hena na ɔbɔɔ wo?

Petro pa ne wura

69Na Petro de, ɔte adiwo hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam!

70Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Minnim nea woka yi.

71Na ofii adi kɔɔ abrannaa no so hɔ no, abaawa foforo bi nso huu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!

72Na ɔde ntam sanee bio sɛ: Minnim onipa no.

73Na ɛkyɛe kakraa no, wɔn a wogyina hɔ no bae bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; na wo kasa nso yi wo adi!

74Ɛno na ofii ase didii nsew kekaa ntam sɛ: Minnim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee.

75Mat 26.34 Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no. Na ofii adi kosui yayaayaw.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help