1 Ahene 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Solomon Mpanyimfo

1Na ɔhene Solomon dii Israel nyinaa so hene.

21 Ah 2.35 Na eyinom ne mmapɔmma a ɔwɔ: Sadok ba ɔsɔfo Asaria;

3Sisa mma Elihoref ne Ahia ne akyerɛwfo; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefo;

41 Ah 2.35; 2 Sa 23.20 Yoiada ba Benaia di dɔm so, na Sadok ne Abiatar di asɔfo;

5Natan ba Asaria di tow sohwɛfo so, na Natan ba Sabud yɛ ɔsɔfo ne ɔhene adamfo;

61 Ah 5.14 na Ahisar di ofie so, na Abda ba Adoniram di adwumayɛ tow so.

7Na Solomon wɔ tow sohwɛfo dumien Israel nyinaa so a wɔhwɛ ɔhene ne ne fi aduan so; afirihyia mu ɛtɔ obiako so ɔsram biako sɛ ɔma aduan.

8Wɔn din ni: Hur ba wɔ Efraim bepɔw so;

9Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bet-semes ne Elon-bet-hanan;

10Hesed ba wɔ Arubot, ne de ne Soko ne Hefer asase nyinaa;

111 Sa 16.8 Abinadab ba wɔ Nafat-dor nyinaa ɔwaree Solomon babea Tafat.

12Ahilud ba Baana wɔ Taanak ne Megido ne Bet-sean a ɛwɔ Sartan nkyɛn mu nyinaa, Yesreel ase, de fi Bet-sean kodu Abel-mehola de kɔ Yokmeam akyi;

13Num 32.41 Geber ba wɔ Ramot-gilead, ne de ne Manase ba Yair atenae a ɛwɔ Gilead no, ne de nso ne Argob asase a ɛwɔ Basan, nkurow akɛse aduosia a ɛho wɔ afasu ne kɔbere adaban;

14Ido ba Abinadab wɔ Mahanaim;

15Ahimaas wɔ Naftali ɔno nso faa Solomon ba Basmat waree;

16Husai ba Baana wɔ Aser ne Alot;

17Parua ba Yehosafat wɔ Isakar;

18Ela ba Simei wɔ Benyamin;

19Uri ba Geber wɔ Gilead asase so, Amorifo hene Sihon ne Basan hene Og asase so, na tow sohwɛfo biako na ɔwɔ asase no so.

Solomon ahenni nkɔso

20 1 Ah 3.8; Gye 13.16; 22.17 Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.

Solomon tumi

21Na Solomon dii ahenni nyinaa so fi asubɔnten Eufrate ano kosi Filistifo asase so ne Misraim hye so. Wɔde ayɛyɛde ba na wɔsom Solomon ne nkwa nna nyinaa.

22Na Solomon da koro aduan ne asikresam pa kor aduasa ne awisam kor aduosia;

23anantwi a wɔadɔ du ne adidibea anantwi aduonu ne nguan ha, ɛsono aforote ne adowa ne awansan ne nnomaa a wɔadɔ.

24Na odi asubɔnten no agya ha ahene a wɔwɔ asubɔnten no fa ha nyinaa so tumi fi Tifsa bedu Gasa, na onyaa ɔmannwoe n’afa nyinaa hyiae.

25Lew 25.18; 2 Ah 18.31 Na Yuda ne Israel tenaa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-seba, Solomon nna nyinaa.

26Na Solomon wɔ apɔnkɔdan ɔpeduanan ma ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔfo ɔpedumien.

27Na tow sohwɛfo no hwɛɛ aduan so maa ɔhene Solomon ne wɔn a wɔbaa ɔhene Solomon pon ho nyinaa, wɔn sram so mmiako mmiako; wɔmma hwee nka.

28Na atoko ne sare a wɔde ma apɔnkɔ ne apɔnkɔ ahoɔharefo nso, wɔde baa nea wɔwɔ hɔ no, wɔn nyinaa sɛnea wɔahyehyɛ wɔn.

Solomon nyansa

29 1 Ah 3.12 Na Onyankopɔn maa Solomon nyansa ne nhumu bebree pa, ne adwene a emu trɛw sɛ mpoano nwea.

30Na Solomon nyansa dɔɔso sen apueifo nyinaa nyansa ne Misraim nyansa nyinaa.

31Na onim nyansa sen nnipa nyinaa, ɔsen Esrani Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahol mma no, na ne din hyetaa amanaman nyinaa mu hyiae.

32Ɔsɛ 12.9 Na obubuu mmɛ mpensa, na ne nnwom si apem ne anum.

33Na ɔkasae nnua ho fi kyeneduru a ɛwɔ Lebanon so kosii adwerɛ a efifi ɔfasu mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho nsɛm.

341 Ah 10.1, 6 Na amanaman nyinaa mu bi bae sɛ wobetie Solomon nyansa, wofi asase so ahene a wɔtee ne nyansa no nyinaa nkyɛn bae.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help