Sakaria 10 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔman no ahofadi ne ne nhyira

1Mummisa Awurade hɔ osu

wɔ adommere mu!

Mfi Awurade a ɔma ahum omununkum no nkyɛn,

na ɔbɛma osu atɔ pii ama mo,

na nnɔbae aba ama nnipa nyinaa.

2 Mat 9.36 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm,

na nkɔmhyɛfo no huu atosɛm

na wɔkaa dae hunu,

wɔde ade huhuw kyekyee onipa werɛ.

Ɛno nti ɔman no tu kɔe sɛ nguan,

wɔrebrɛ, efisɛ ɔhwɛfo bi nni hɔ.

3 Sak 11.5 Nguanhwɛfo no na me bo afuw wɔn,

na saa mpapo no na mɛba mabɛtwe wɔn aso;

na asafo Awurade rebɛhwɛ ne nguankuw, Yuda fi,

na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

4 Yer 30.21 Ɔno mu na twea bo

ne mmofunnua ne akodi ta befi aba,

ɔno mu na ahawfo nyinaa bɛbom afi aba.

5Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wotiatia mmorɔn so

dɔte so ɔko mu, na wobedi ako;

efisɛ Awurade ne wɔn wɔ hɔ,

na apɔnkɔsotefo anim begu ase.

6Na mɛhyɛ Yuda fi baninha,

na magye Yosef fi nkwa,

na mama wɔatena ase;

na me yam ahyehye me ama wɔn,

na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ,

na mene Awurade wɔn Nyankopɔn,

na megye wɔn so.

7Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,

na nsa nti wɔn koma bɛtɔ wɔn yam,

na wɔn mma nso behu

na wɔn ani agye,

na wɔn koma adi Awurade mu ahurusi.

8Mɛbɔ hwirema mafrɛ wɔn

na maboa wɔn ano;

na magye wɔn,

na wɔbɛdɔ pii sɛ kan no.

9 Yes 66.19 Na medua wɔn aman no mu,

na wɔbɛkae me akyirikyiri nsaase so,

na wɔne wɔn mma benya nkwa

na wɔasan aba.

10Na mɛma wɔasan afi Misraim asase so aba,

na mɛboa wɔn ano afi Asiria,

na mede wɔn maba Gilead ne Lebanon asase so,

na wɔrennya ɔkwan po mma wɔn.

11 Eks 14.16; Yes 11.15 Na ɔbɛfa ahohia po no mu,

na waboro ɛpo mu asorɔkye,

na asu Nil mu abon nyinaa ayoyow;

na Asaria ahantan no bɛbrɛ ase,

na Misraim ahoɔden befi akɔ.

12Na mɛhyɛ wɔn den, Awurade mu,

na ne din mu na wɔbɛnantew,

Awurade asɛm ni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help