Ɔsɛnkafo 4 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ohiani, nsiyɛfo ne ɔhene

1Na mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!

2Hiob 3.11 Ɛnna medwenee sɛ awufo a wɔawuwu dedaw no ti ayɛ yie, sen ateasefo a wɔda so tete ase no.

3Ɔsɛ 6.3 Na nea oye sen wɔn baanu no ne nea onnya mmae a onnya nhuu nneyɛe bɔne a wɔyɛ owia ase no.

4Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

5 Mmb 6.10 Ɔkwasea pompono ne nsa te hɔ,

na odi n’ankasa ne honam.

6 Mmb 15.16 Koomyɛ kakra ye

sen ɔbrɛ ne ɔdadwen hunu.

7 Ɔsɛ 2.12 Na mesan mehwɛɛ owia ase ahuhude.

8Obiako wɔ hɔ na obi nka ne ho, nso onni ba anaa onua, nanso ne brɛ nyinaa nni awiei, ahonya nso mmee n’aniwa. Na hena po na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Eyi nso, ahuhude ne ɔhaw bɔne ne no.

9Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn;

10na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so, na obiakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho mma no so nnue.

11Nso sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hyew, na obiakofo de, ne ho bɛyɛ no hyew dɛn?

12Na sɛ obi toa obiakofo a ɔrentumi nnyina, baanu no ne no de bedi asi ani; na prae a ɛbɔ mu no remmu ntɛm so.

13Efanim aberantewa hiani nyansafo sen ɔhene akwakoraa kwasea a onnim kɔkɔbɔ tie bio.

14Gye 41.14 Na obi fi nneduafo dan mu bedii hene, nso wɔwoo no hiani n’ahenni asase no so.

15Mihuu ateasefo a wɔnam owia ase nyinaa ne aberantewa a otia abien a obegyinaa n’ananmu no.

16Ɔsɛ 1.14 Ɔman no nyinaa, wɔn a wodii n’anim nyinaa nni awiei, nso wɔn a wɔbɛba akyiri no ani rennye ne ho. Na eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help