1 Samuel 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Hana mpaebɔ

1 Luka 1.46-55 Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ:

Me koma di AWURADE mu ahurusi,

AWURADE mu na wɔama m’abɛn so;

m’anom atrɛw m’atamfo so,

efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.

2Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE,

na obiara nni w’akyi,

na ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

3Monnkasa ahantan kasa bebree sa,

mommma ahomaso kasa mmfi mo anom,

na AWURADE ne Nyankopɔn a ohu ade nyinaa,

na ɔno na ɔkari nneyɛe.

4Ahoɔdenfo ta bubu,

na mmerɛwfo de, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

5wɔn a wɔmee kodi aduan ho paa,

na pititɔfo kɔm gu;

obonin po wo asɔn,

na nea ɔwɔ mma bebree no yɛ ɔhokwafo.

6 Deut 32.39 AWURADE na okum, na ɔma nkwa;

ɔma wosian kɔ asaman na ɔma wɔforo fi adi.

7 Nnw 75.7 AWURADE ma obi di hia,

na ɔma obi di yiye;

ɔbrɛ onipa ase, na ɔma onipa so.

8 Nnw 113.7-8 Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu,

na ɔma ohiani so fi sumina so,

sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu,

na wama wanya anuonyam agua so atena.

Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea,

na ɔde wiase asi so.

9 Nnw 33.16 Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so,

na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu;

na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim.

10 Nnw 132.17 AWURADE atamfo bewie pasaa,

na ɔbɛma n’aprannaa abom ɔsoro agu wɔn so.

AWURADE bebu asase ano atɛn,

ɔde ahoɔden bɛma ne hene,

na wama nea wasra no ngo no abɛn so.

Samuel wɔ AWURADE fi

11Na Elkana kɔɔ ne fi Rama; na abofra no som AWURADE, ɔsɔfo Eli anim.

12Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE.

13Eks 27.3 Na asɔfo ade a wɔyɛ ɔman no ne sɛ: Sɛ obi rebɔ afɔre a, wɔrenoa nam no, na ɔsɔfo no abofra aba, na okura adinam a ano abiɛsa,

14na ɔde abɛbɔ dadesɛn anaa ahina anaa kyew dade anaa kutu no mu, na nea adinam no de bɛba nyinaa na ɔsɔfo no afa; saa ara na wɔyɛ Israelfo a wɔba Silo hɔ nyinaa.

15Lew 3.3-5 Nso wonnya nhyew srade no mmaa AWURADE no, na ɔsɔfo no somfo abɛka akyerɛ nea ɔrebɔ afɔre no sɛ: Ma nam na wɔnkɔtoto mma ɔsɔfo; na onnye wo hɔ nam a wɔanoa, na mmom nammono.

16Na sɛ ɔka sɛ: Wɔrebɛhyew srade no mprempren ansa na woafa dodow biara a wopɛ a, ɔsomfo noka sɛ: Daabi, na ma me bi prɛko, anyɛ saa a, mɛfa no ɔhyɛ so.

17Enti mmerante no bɔne soe kɛse, AWURADE anim, efisɛ nnipa no buu AWURADE aduan afɔre no animtiaa.

18Na Samuel de, ɔsomee AWURADE anim; ɔyɛ abofra a wɔde nwera asɔfotade abɔ ne mu.

19Nso ne na pam batakari kumaa bi ma no, na ɔde brɛ no daa afe a ɔne ne kunu rebɛbɔ daa afe afɔre no.

20Na Eli hyiraa Elkana ne ne yere se: AWURADE mma wo asefo mfi ɔbea yi mu nsi nea ɔde no afɛm AWURADE yi ananmu. Na wosiim kɔɔ wɔn kurom.

21 Luka 1.80 Na AWURADE hyiraa Hana, na onyinsɛnee, na ɔwoo mmammarima baasa ne mmabea baanu. Na abofra Samuel no nyinii AWURADE anim.

Eli ne ne mma

22 Eks 38.8 Nso Eli abɔ akora sɛ, na ɔtee nea ne mma de yɛ Israel nyinaa, no nyinaa ne sɛnea wɔne mmea a wɔyɛ ahyiae ntamadan ano adwuma no da.

23Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mudi saa nsɛm yi? Na mete mo nsɛmmɔne yi fi ɔman yi nyinaa anom.

24Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na mete sɛ AWURADE manfo no ka fa mo ho kyin yi.

25Sɛ obi yɛ onipa bi bɔne a, Onyankopɔn bɛpata ama no; na sɛ obi yɛ AWURADE bɔne a, hena na ɔbɛpa kyɛw ama no? Nanso wɔantie wɔn agya asɛm, efisɛ na AWURADE repɛ akum wɔn.

26 Luka 2.52 Na abofra Samuel no kɔɔ so ara nyinii, na onyaa anisɔ AWURADE ne nnipa anim.

27Na Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Me na miyii me ho adi mekyerɛɛ w’agya fi, bere a wɔwɔ nkoasom mu Misraim, Farao fi no,

28Num 18.8 na miyii no Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ommedi me sɔfo na ɔmmɔ m’afɔremuka so ɔhyew afɔre na ɔnhyew aduhuam na ɔnhyɛ asɔfotade no m’anim, na mede Israelfo gya afɔre nyinaa memaa w’agya fi.

29Aso 9.5 Ɛdɛn nti na mutiatia me kum afɔre ne m’aduan afɔre a mahyɛ sɛ wɔmmɔ, me tenabea no so, na wudi wo mma ni sen me, sɛ mode me man Israel ayɛyɛde nyinaa mu ade a edi kan yɛ mo ho yiye?

30Eks 28.1 Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka ni: Mekae ampa sɛ: Wo fi ne w’agya ofi nnantew m’anim daa; nanso afei nea AWURADE ka ni: Ɛmpare me koraa! Na wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni, na wɔn a wobu me animtiaa no bɛbɔ ahohora.

311 Ah 2.27 Hwɛ, nna bi reba a metwa wo basa ne w’agya fi basa, na akwakoraa bi renka wo fi.

32Na sɛ wuhu yiye a Onyankopɔn bɛyɛ Israel no nyinaa a, ɛbɛma wo ho ahia wo wɔ me tenabea hɔ, na akwakoraa bi renka wo fi da biara da.

331 Sa 22.20 Nanso nea merentwa no nkyene wɔ m’afɔremuka ho, no ani bɛyɛ siamoo na wahyɛ ne kra awerɛhow; na wo fi dodow bewuwu wɔn mmerantebere mu.

341 Sa 4.11 Na eyi nyɛ wo nea ɛbɛba wo mma baanu, Hofni ne Pinehas, so no ho sɛnkyerɛnne: Da koro na wɔn baanu no bewuwu.

35Na mɛma ɔsɔfo nokwafo so mafa: Ɔbɛyɛ nea ɛwɔ me koma ne me kra mu, na mɛkyekye ofi a etim hɔ mama no, na wanantew nea masra no no anim nna nyinaa.

36Na nea ɔbɛka wo fi no bɛba abɛkotow no agye dwetɛbona ne abodoo sebɔw, na waka sɛ: Mesrɛ wo, fa me hyɛ asɔfo adwuma no biako bi mu, na manya abodoo buprɛko bi madi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help