1 Berɛsosɛm 21 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Ɔman no kan ne ɔyaredɔm(2 Samuel 24.1-25)

1Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

2Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne dɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfi Beer-seba nkodu Dan, na mummebua me, na minhu wɔn dodow.

3Eks 30.12 Na Yoab kae sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛnea wɔte yi mpɛn ha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Ɛdɛn nti na me wura rehwehwɛ eyi? Ɛdɛn nti na ɛnyɛ asodi mma Israel?

4Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab so den. Na Yoab fii adi kokyin faa Israel nyinaa mu, na ɔsan baa Yerusalem.

5Na Yoab de ɔman no anobu dodow brɛɛ Dawid: Na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne ɔpeha, nnipa a wɔtwe nkrante. Na Yuda ano si ɔpehanan aduɔwɔtwe, nnipa a wɔtwe nkrante.

6Na Lewi ne Benyamin de, Yoab ankan wɔn, efisɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi.

7Nanso asɛm yi ansɔ Onyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.

8Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

9Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid dehufo Gad sɛ:

10Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ade abiɛsa na mede resi w’anim, fa emu biako na menyɛ wo.

11Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Fa emu biako:

12Sɛ mfe abiɛsa ɔkɔm oo, anaa asram abiɛsa aguan w’ahohiafo anim a w’atamfo nkrante reto wo oo, anaa AWURADE afoa ne asase no so yaredɔm nnansa a AWURADE bɔfo resɛe nnipa Israel ahye nyinaa mu oo, afei hwɛ mmuae a memfa mensan menkɔma nea ɔsomaa me no.

13Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ, ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhwe.

14Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa ɔpeduɔson wuwui.

Dawid afɔrebɔ

15Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfo kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔresɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na onuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfo a ɔresɛe hɔ no sɛ: Adɔɔso afei, pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfo no gyina Yebusini Ornan awiporowbea ho.

16Na Dawid maa n’ani so na ohuu AWURADE bɔfo no sɛ ogyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afoa a watwe kura ne nsam, na wateɛ Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanyimfo a wofurafura ayitama no de wɔn anim butubutuw fam.

17Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: So ɛnyɛ me na mise wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ nea enye yi, na nguan yi de, dɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fi so, na mma ɛmmma wo man so mmmɛbɔ wɔn.

18Ɛnna AWURADE bɔfo no ka kyerɛɛ Gad sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ Dawid mforo nkɔ nkosi afɔremuka mma AWURADE, Yebusini Ornan awiporowbea hɔ.

19Na Dawid foro kɔe sɛnea Gad de AWURADE din kae no.

20Na Ornan dan ne ho, na ohuu ɔbɔfo no, na ne mma baanan ka ne ho, na wɔde wɔn ho hintawee; nso na Ornan reporow awi.

21Na Dawid duu Ornan nkyɛn no, Ornan dan n’ani na ohuu Dawid. Ɛnna ofii adi fii awiporowbea hɔ, na ɔkotow Dawid de n’anim butuw fam.

22Num 25.8 Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa awiporowbea yi ma me na minsi so afɔremuka memma AWURADE. Fa ma me sɛ ne bo te, na wɔasiw ɔhaw no kwan afi ɔman no so.

23Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ nea ɛsɔ n’ani. Hwɛ mema anantwi a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ne ɔporow teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina ne awi a wɔde bɛyɛ aduan afɔre, mede ne nyinaa mema.

24Na ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na ɔtɔ na mɛtɔ no sɛ ne bo te, na meremfa ade a ɛyɛ wo de memma AWURADE, nso meremfa atetade mmɔ ɔhyew afɔre.

25Na Dawid maa Ornan sika a wɔakari nnwetɛbona ahansia de tɔɔ ɛhɔ.

261 Ah 18.24 Na Dawid sii hɔ afɔremuka maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya fii soro gyee no so ɔhyew afɔremuka no so.

27Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ ɔbɔfo no, na ɔde n’afoa hyɛɛ boha mu.

28Ɛbere a Dawid hui sɛ AWURADE agye no so, Yebusini Ornan awiporowbea no, ɔbɔɔ afɔre hɔ.

291 Be 16.39 Efisɛ saa bere no na AWURADE tenabea a Mose yɛe sare so ne afɔremuka no wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibeon no mu;

301 Be 21.16 nanso Dawid antumi ankɔ ɛno anim ankɔhwehwɛ Onyankopɔn, efisɛ ehu aka no AWURADE bɔfo no afoa anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help