Yakobo 2 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Adefo ne ahiafo

1 1 Ko 2.8 Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no ho gyidi nnni afra.

2Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atade fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atade tantan ba hɔ,

3na mohwɛ nea ɔhyɛ atade fɛfɛ no, na moka se: Wo de, tena nea eye ha! Na moka kyerɛ ohiani no se: Wo de, gyina noho anaasɛ tena me nan ase agua ho ha a,

4ɛno ɛnyɛ ɔpae na mopaepae mo mu, na moayɛ atemmufo a wokura adwemmɔne?

5 1 Ko 1.26; Luka 12.21 Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?

6Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii?

7Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne?

8Lew 19.18 Enti sɛ muwie mmara a edi hene, sɛnea kyerɛw no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no a, moyɛ no yiye.

9Deut 1.17 Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo ntɛn sɛ mmaratofo.

Mmara no hwehwɛ osetie

10 Mat 5.19 Na nea obedi mmara nyinaa so na ɔbɛto biako no, na wadi ne nyinaa ho fɔ.

11Eks 20.13-14 Efisɛ nea ɔkae se: Nsɛe aware no, ɔkae nso se: Nni awu! Na sɛ wonsɛe aware na wudi awu a, na woayɛ mmara no tofo.

12Yak 1.25 Monka sa na monyɛ sa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedi mmara no so rebebu wɔn atɛn.

13Mat 5.7; 18.30; 18.34; 25.45-46 Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim.

Gyidi a nkwa nni mu ho nni mfaso

14 Mat 7.21 Me nuanom, sɛ obi ka se ɔwɔ gyidi, nanso onni nnwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Gyidi betumi agye no anaa?

15Na sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn,

161 Yoh 3.17 na mo mu bi ka kyerɛ no se: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu?

17Sɛ gyidi nso te ne no. Sɛ enni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam.

Ahonhommɔne gyidi

18 Gal 5.6 Na ebia obi bɛka se: Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi.

19Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.

Abraham ne Rahab gyidi

20Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wuhu sɛ gyidi a adwuma nni ho awu anaa?

21Gye 22.9-10; 22.12 Ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔremuka so no?

22Woahu sɛ ne gyidi ne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade, na efi nnwuma no mu na gyidi no wiee pɛyɛ,

23Gye 15.6; Yes 41.8 na kyerɛw a ese: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no, na wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo, no baa mu.

24Muhu sɛ efi nnwuma mu na wobu onipa bem, na emfi gyidi nko mu.

25Heb 11.31; Yos 2.4; 2.15 Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu oguamamfo Rahab bem, sɛ ogyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no?

26Yak 2.17 Na sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help