Yeremia 17 - KYER?W KRONKRON(RATB)

Asodi ne asotwe, ahotoso ne anidaso

1Yuda bɔne no, wɔde dade kyerɛwdua ne adɛnkyemmo hwɛti na akyerɛw, wɔakurukyerɛw wɔn koma apon so ne wɔn afɔremuka mmɛn so,

2bere a wɔn mma kae wɔn afɔremuka ne wɔn Asera nnua, dua frɔmfrɔm ne nkoko sorɔnsorɔn so no.

3Me bepɔw ne ɛho asase, mede w’ahode ne w’akorade nyinaa mɛma na wɔafom, ne wo sorɔnsorɔmmea no nso, w’asase yi nyinaa so bɔne nti.

4Yer 15.14 Na wubegyaw w’agyapade a mede memaa wo no ato hɔ, na mɛma woasom w’atamfo, asase a wunnim so so, efisɛ moasɔ m’abufuw mu gya a ɛbɛdɛw daa.

5 Nnw 118.8; 146.3 Sɛ AWURADE se ni:

Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa so,

na ɔde ne ho to ɔhonam yi so sɛ n’ahoɔden,

na ne koma atwe afi AWURADE ho!

6 Yer 48.6 Na ɔbɛyɛ sɛ dua kwatikwati anwea pradada so,

na ɔrenhu sɛ papa reba,

na ɔbɛtena sare so nkyerekyerewa so

ne nkyene asase a obi nte so so.

7 Nnw 146.5 Nhyira ne onii ko a ɔde ne ho to AWURADE so,

na AWURADE yɛ n’anidaso!

8 Nnw 1.3 Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛw, asukɔn so,

na ne ntini tenetene kɔ asu no ho;

na sɛ ahohuru ba a, ɛnyɛ no hu,

na ɛso ahaban bɛyɛ frɔmfrɔm,

na osukɔm afe mu nso,

ɛrempo, na ɛrennyae abasow.

9Koma wɔ hɔ yi,

ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa

na ɛyɛ nsɛmmɔnedifo pa ara,

hena na obenya mu ahuye?

10 Nnw 7.9; Rom 2.6 Me, AWURADE, na mehwehwɛ koma mu,

mesɔ asaabo mehwɛ,

na mɛma obiara sɛ n’akwan te,

sɛ ne nsɛnnii aba no te.

11 Nnw 39.6 Nea ɔpɛ ade anya na onnya no trenee so no

te sɛ akokɔhwerew a obutuw nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee so,

obebu ne nna mu fa agyaw,

na n’awiei mu ɔbɛyɛ ɔkwasea.

12Anuonyam ahengua a esi sorɔnsorɔn so fi teteete

ne yɛn kronkronbea:

13 Yer 2.13 O, AWURADE, O Israel anidaso,

wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewuwu;

wɔn a wɔsan fi w’akyi no,

asase mu na wɔbɛkyerɛw wɔn din,

efisɛ wɔagyaw nkwa nsuti AWURADE no.

Yeremia bɔ mpae srɛ fakyɛ

14AWURADE, sa me yare, na me ho asan;

gye me, na manya nkwa;

na wone m’ayeyi.

15 Yes 5.19 Hwɛ, sɛnea, wɔka kyerɛ me sɛ:

Ɛhe na AWURADE asɛm no wɔ?

Ma ɛmmra ɛ!

16Nso me de, meda so yɛ oguanhwɛfo ara

menhyɛɛ wo sɛ ma bɔne mmra, na menhwɛɛ mmusu da no kwan, wo ara wunim.

Nea efi m’anom no,

ɛda w’anim hɔ.

17Nyɛ me nea oyi me hu,

me guankɔbea ne wo, ɛda bɔne mu.

18Ma m’atiwfo ani nwuwu,

na me de, mma m’ani nnwu;

wɔn de, ma wɔn koma ntutu,

na me de, mma me koma nntu;

fa da bɔne no bra wɔn so,

fa obubu mmɔho bubu wɔn.

Homedadi ho afotu

19Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Kɔ kogyina ɔmanfo ponkɛse no a Yuda ahene di mu ahyemfiri no mu, ne Yerusalem aponkɛse nyinaa mu,

20na ka kyerɛ wɔn sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahene ne Yuda man nyinaa ne Yerusalemfo a mofa apon yi mu ba mu nyinaa.

21Sɛ AWURADE se ni: Monhwɛ mo kra so yiye, na monnsoa adesoa bi homeda mmfa mmfa Yerusalem apon mu mmma mu,

22Yes 56.2; 58.13 na monnsoa adesoa bi nso mmfi mo afi mu mmfi adi homeda, na monnyɛ adwuma biara. Na munni homeda no kronkron, sɛnea mehyɛɛ mo agyanom no.

23Yer 11.8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wosen wɔn kɔn kyenkyerenn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie na wɔampene nteɛso.

24Na ɛbɛba sɛ, AWURADE asɛm ni, sɛ mutie me, na momfa adesoa biara mfa kurow yi apon mu mma mu homeda, na mudi homeda no kronkron nyɛ emu adwuma biara a,

25ɛnne ahene ne asafohene a wɔbɛtena Dawid agua so bɛtena nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so, wɔne wɔn asafohene, Yuda mmarima ne Yerusalemfo, wɔbɛfa kurow yi apon mu aba mu. Na nnipa bɛtena kurow yi mu daa.

26Na wobefi Yuda nkurow mu ne nea ɛwowɔ Yerusalem ho ne Benyamin asase so ne mmepɔw ase ne mmepɔw so ne nifa fam aba de ɔhyew afɔre ne okum afɔre ne aduan ayɛyɛde ne aduhuam aba, na wɔde ayeyi afɔre aba AWURADE fi.

27Nanso sɛ moantie me anni homeda no kronkron na mosoa adesoa bi fa Yerusalem apon mu homeda a, ɛnne mɛsɔ n’apon mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no, na wɔrennum.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help