1Asase nyinaa, munni ahurusi mmɔ ose mma Onyankopɔn,
2monto dwom mma ne din anuonyam,
monhyɛ no anuonyam nyi no ayɛ.
3Munse Onyankopɔn sɛ:
Wo nnwuma yɛ hu ampa.
Wo tumi kɛse nti w’atamfo bɛkotow wo.
4Asase nyinaa bɛsɔre wo, na wɔato wo dwom,
wɔbɛto dwom ama wo din. Sela
5Mommra mmɛhwɛ Onyankopɔn nneyɛe,
n’ade a ɔyɛ de di nnipa mma so yɛ hu.
6
8Aman, munhyira yɛn Nyankopɔn,
na momma wɔnte n’ayeyi yiye.
9Ɔde yɛn kra asi nkwa mu,
na wamma yɛn nan anwatiri.
10
16Mo a musuro Onyankopɔn nyinaa,
mommra mmetie, na mɛka nea wayɛ ama me kra.
17Mede m’ano misu mefrɛɛ no,
na mede me tɛkrɛma miyii no ayɛ.
18 Mmb 28.9; Yoh 9.31 Sɛ midi ahuhude akyi me komam a,
anka AWURADE rentie me.
19Ampa ne ampa, Onyankopɔn atie me,
wayɛ aso atie me mpaebɔ.
20Nhyira ne Nyankopɔn a wannan me mpaebɔ ani,
na wanyi n’adɔe amfi me so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
