1 Yer 36.4 Asɛm a odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ Neria ba Baruk bere a ɔkyerɛw nsɛm yi fii Yeremia anom hyɛɛ nhoma mu, Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anan mu no se:
2Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, ka wo, Baruk, ho ni:
3Woka sɛ: Minnue, sɛ AWURADE de ɛyaw ka m’awerɛhow ho. Mabrɛ ne apinisi, na minnya ɔhome bi.
4Ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, nea misii no, meredwiriw, na nea miduae no, meretutu, na eyi bɛba asase no nyinaa so.
5Yer 39.18; 43.6 Na wo na worehwehwɛ ade kɛse afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba ɔhonam nyinaa so, AWURADE asɛm ni, na mede wo kra mɛma wo sɛ asade, baabiara a wobɛkɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
